Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 12

10 Ɔhunuu ɔbarima bi dan mu a na ne nsa baako awu. Farisifoɔ no bisaa Yesu , "Enti mmara ma ho kwan obi sa yadeɛ Homeda anaa?"12.10 Mmara akyerɛkyerɛfoɔ mma ayaresa ho kwan homeda; gye sɛ wɔhunu sɛ, sɛ wɔansa ɔyarefoɔ no yadeɛ da no ara na adeɛ kye a, ɔbɛwu. Obi a na ne nsa awu no deɛ na ɛnyɛ deɛ owuo hunahuna noɔ. Wɔbisaa yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ɛkwan atoto nʼano na wɔakye no!

11 Yesu buaa wɔn , "Mo mu hwan na ɔwɔ odwan baako na ɔkɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɛkwan biara so wobɛkɔ akɔyi no. 12 Onipa som bo sene odwan! Yei enti ɛwɔ ho kwan wɔyɛ papa Homeda."

13 Afei, Yesu ka kyerɛɛ deɛ ne nsa awu no , "Tene wo nsa!" Ɔyarefoɔ no tenee ne nsa. Ɔtenee ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ baako no.

Veja também