Yesu, Ne Maame Ne Ne Nuanom
46 Ɛberɛ a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ efie bi mu no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa. 47 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa".
48 Yesu kaa sɛ, "Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?" 49 Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no, ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Yeinom ne me maame ne me nuanom". 50 Ɔsane kaa bio sɛ, "Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabaa ne me maame".