Publicidade

Mateus 13

Okuafoɔ Ho Ɛbɛ

1 Ɛda no ara Yesu firii adi kɔtenaa mpoano. 2 Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn . Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano . 3 Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu , "Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. 4 Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa. 5 Ebi nso kɔguu abotan so. Ankyɛre na aba no fifiriiɛ. 6 Esiane na dɔteɛ a ɛwɔ abotan no so sua no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ. 7 Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyiniiɛ no ɛmiaa no. 8 Aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha. 9 Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!"

Deɛ Enti A Yesu Kasa Abɛbuo Mu

10 Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no , "Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?"

11 Yesu buaa wɔn , "Mo deɛ, wɔde Ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm ama mo na wɔn deɛ, wɔmmfa mmaa wɔn. 12 Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. 13 Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne :

"Wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu;

wɔte deɛ, na wɔnte aseɛ.

14 Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ :

" Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;

ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu.

15 Ɛfiri , ɔman yi akoma apirim.

Wɔyɛ asoɔden;

wɔakatakata wɔn ani.

ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ,

na wɔn aso ate asɛm,

na wɔn akoma ate asɛm ase,

na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.

16 Na mo deɛ, wɔahyira mo ani ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso ɛnte asɛm. 17 Na me deɛ mereka akyerɛ mo , adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ wɔhunu deɛ mohunu no, nanso wɔanhunu. Wɔpɛɛ wɔte deɛ mote no, nanso wɔante.

Okuafoɔ Ho Ɛbɛ No Asekyerɛ

18 "Afei, montie ɛbɛ a ɛfa okuafoɔ a ɔkɔguu aba nʼafuom no ho no asekyerɛ. 19 Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte aseɛ no te aba a ɛguu ɛkwan mu no. Ɔbɔnefoɔ no ba, bɛhwim deɛ wɔadua wɔn akoma mu no. 20 Aba a ɛguu abotan soɔ no gyina ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigyeɛ mu. 21 Nanso, asɛm no ntim wɔn mu. Yei enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Esiane asɛm no awuo enti, ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa aba. 22 Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina ma wɔn a wɔtie asɛm no, nanso ewiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapadeɛ ho dwene enti, ɛmma asɛm no ntumi nnyɛ wɔn mu adwuma. 23 Na aba a ɛguu asase pa mu no gyina ma wɔn a wɔtie asɛm no, na wɔte aseɛ. Wɔso aba mmɔho aduasa; ebi aduosia; ɛnna afoforɔ nso, ɔha."

Ewira Ne Aburoo Ho Ɛbɛ

24 Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm , "Ɔsoro Ahennie no te okuafoɔ bi a ɔdua aba nʼafuom. 25 Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no. 26 Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini.

27 "Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no , Owura, aba a woduaeɛ no, wira bi afifiri aseɛ!

28 "Okuafoɔ no buaa , Ɔtamfoɔ bi na ɔduaeɛ!

"Apaafoɔ no bisaa no , Wopɛ yɛkɔtutu saa wira no anaa?

29 "Ɔbuaa wɔn , Dabi! Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no. 30 Momma ne nyinaa nyini nkɔsi otwa berɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.’ "

Onyina Aba Ho Ɛbɛ

31 Yesu buu wɔn ɛbɛ foforɔ , "Ɔsoro Ahennie te onyina aba ketewa bi a obi duaa nʼafuom. 32 Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso ɛnyini a, ɛyɛ dutan kɛseɛ ma nnomaa kɔsisi ne mman so."

Mmɔka Ho Ɛbɛ

33 Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ , "Ɔsoro Ahennie te mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu."

34 Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. 35 Esiane na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne ,

"Mɛkasa abɛbuo mu,

na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ."

Ewira Ne Aburoo Ho Ɛbɛ No Asekyerɛ

36 Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase.

37 Yesu buaa wɔn , "Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no. 38 Afuo no ne ewiase, na aba no nso gyina ma wɔn a wɔyɛ Ahennie no mma; ewira no nso gyina ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. 39 Ɔtamfoɔ a ɔduaa ewira fraa aburoo no ne ɔbɔnefoɔ no. Otwa berɛ no ewiase awieeɛ; atwafoɔ no ne abɔfoɔ.

40 "Sɛdeɛ asɛnka no mu, wɔtutuu wira no firi aburoo no mu kɔhyee no no, saa ara na ɛbɛyɛ ewiase awieeɛ. 41 Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfoɔ, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifoɔ nyinaa ano afiri Ahennie no mu, 42 na wɔato wɔn agu ogyatannaa no mu, ahye wɔn. Ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ . 43 Na ateneneefoɔ no bɛhyerɛn owia wɔn Agya Ahennie no mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!"

Ademudeɛ Ne Ahwene Pa Ho Ɛbɛ

44 Yesu toaa abɛbuo no so , "Ɔsoro Ahennie no te ademudeɛ bi a obi kɔhunuu afuo bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, de kɔtɔɔ afuo no.

45 "Bio, Ɔsoro Ahennie te obi a ɔdi ahwene pa ho edwa a ɔrepɛ ahwene pa atɔ. 46 Ɔkɔnyaa bi a ɛyɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa de kɔtɔeɛ!"

Asauguo Ho Ɛbɛ

47 Yesu toaa so bio , "Ɔsoro Ahennie no te obi a ɔkɔguu asau asuo bi mu yii nsuomnam ahodoɔ bebree. 48 Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei, ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu ɛnna ɔtoo deɛ ɛnyɛ no guiɛ. 49 Saa ara na ewiase awieeɛ bɛyɛ. Abɔfoɔ no bɛba abɛpa abɔnefoɔ no afiri ateneneefoɔ no mu, 50 na wɔato abɔnefoɔ no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ .

51 "Mote aseɛ?"

Nʼasuafoɔ no buaa no , "Aane."

52 Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so , "Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te efiewura a wada nʼagyapadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi."

Wɔpo Yesu Nasaret

53 Yesu wiee nʼabɛbuo no, ɔfiri baabi a ɔwɔ . 54 Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ hyiadan mu maa wɔn a wɔtiee no no ho dwirii wɔn. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Ɛhe na saa ɔbarima yi kɔnyaa nyansa a ɔde anwanwadeɛ sɛɛ yi? 55 Ɛnyɛ dua dwumfoɔ no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nua mmarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? 56 Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na ɔkɔnyaa yeinom nyinaa yi?" 57 Wɔn bo fuu no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Odiyifoɔ animuonyam baabiara, agye ne ɔman mu anaa ne nkurɔfoɔ mu."

58 Esiane wɔannye no annie no enti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree .

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-