Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateo 14

Yesu Nante Nsuo Ani

22 Nnipadɔm no didi wieeɛ , Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena agya nnipa no kwan. 23 Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara deɛ ɔwɔ . 24 Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no.

25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn. 26 Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri , na wɔsusu wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam.

27 Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!"

28 Petro ka kyerɛɛ no , "Awurade, ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn."

29 Yesu ka kyerɛɛ Petro , "Bra!"

Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30 Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu , "Awurade, gye me na meremem!"

31 Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro , "Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?"

32 Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee . 33 Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa , "Onyankopɔn Ba ne wo ampa!"

Veja também