29 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, "Bra!"
Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30 Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, "Awurade, gye me na meremem!"
31 Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, "Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?"