Farisifoɔ Ne Sadukifoɔ Mmɔka
5 Asuafoɔ no tware kɔɔ asuogya nohoa no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduane. 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho."
7 Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa.
8 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane? 9 Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri burodo enum a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no? 10 Mo werɛ asane afiri burodo nson a mede maa nnipa mpemnan ne deɛ ɛkaeɛ no? 11 Adɛn enti na modwene sɛ aduane ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresane aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.’ " 12 Afei, asuafoɔ no tee deɛ ɔkaeɛ no ase sɛ, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.