Publicidade

Mateus 17

Yesu Animuonyam Da Adi

1 Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi a ɛso dinn atifi. 2 Wɔwɔ no, wɔhunuu ne onipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita nwera. 3 Prɛko , Mose ne Elia bɛfirii a wɔne Yesu rekasa.

4 Petro kaa , "Awurade, ɛyɛ nwanwa yɛn nso yɛwɔ ha bi. wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese mmiɛnsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia."

5 Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa , "Yei ne me Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!"

6 Asuafoɔ no tee nne no, wɔbɔɔ hu, maa wɔde wɔn anim butubutuu fam. 7 Yesu baa wɔn nkyɛn, bɛsosɔɔ wɔn mu kaa , "Monsɔre! Monnsuro!" 8 Wɔpagyaa wɔn ani nso, wɔanhunu obiara Yesu nko ara.

9 Ɛbaa wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano , "Monnka deɛ moahunu no nkyerɛ obiara kɔsi mɛnyane afiri awufoɔ mu."

Elia Mmaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu Ho Asɛm

10 Yesu asuafoɔ no bisaa no , "Adɛn enti na da biara Yudafoɔ mpanin ka ti mu , ɛsɛ Elia sane ba ansa na Agyenkwa no aba?"

11 Yesu buaa wɔn , "Deɛ wɔreka no wom. Ɛsɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma yie. 12 Na nokorɛ ni, Elia aba dada na wɔanhunu no, na dodoɔ no ara ne no anni no yie. Na me, Agyenkwa no nso, mɛhunu amane wɔn nsam saa ara." 13 Afei, asuafoɔ no hunuu , Yohane Osubɔni ho asɛm na ɔreka no.

Otwafoɔ Bi Ayaresa

14 Ɛberɛ a ɔsiane duruu bepɔ no ase no, ɔhunuu nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bɛbuu nkotodwe Yesu anim kaa , 15 "Owura, hunu me ba bi a ɔtwa mmɔbɔ, ɛfiri , ɔwɔ ɔhaw kɛseɛ mu. otwa no ba a, ɛtumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu. 16 Enti, mede no brɛɛ wʼasuafoɔ no wɔnsa no yadeɛ; nanso wɔantumi."

17 Yesu kaa , "Mo asoɔdenfoɔ a monni gyidie! Me ne mo ntena nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha." 18 Yesu teateaa honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma ɛtu firii ne mu ma amonom ara ne ho tɔɔ no.

Gyidie Mu Tumi

19 Ɛkaa Yesu ne nʼasuafoɔ no, wɔbisaa no , "Adɛn enti na yɛantumi antu honhommɔne no?"

20 Yesu buaa wɔn , "Ɛfiri , mo gyidie sua. mowɔ gyidie onyina aba17.20 ɛgyina hɔ ma sinapi aba. a ɛsua koraa no a, anka mobɛtumi aka akyerɛ bepɔ yi , Tutu nohoa!na ɛbɛtutu akɔ akyirikyiri. 21 Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi deɛ, ɛrentumi ntu da, gye monam mpaeɛbɔ ne mmuada die so."

Yesu Ka Ne Owuo Ho Asɛm

22 Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a 23 wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyane aba nkwa mu bio." Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ hoeɛ, na wɔn akoma nso tuiɛ.

Yesu Tua Asɔredan Mu Ɛtoɔ

24 Ɛberɛ a wɔbɛduruu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu ɔtogyefoɔ baa Petro nkyɛn bɛbisaa no , "Enti, wo wura tua ɛtoɔ?"

25 Petro buaa no , "Aane ɔtua."

Petro firi no, ɔkɔɔ efie kɔbɔɔ Yesu amaneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no , "Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn ɔmanfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?"

26 Petro buaa , "Wɔtwa ɛtoɔ no ma ahɔhoɔ no."

Yesu nso buaa , "Petro mo! Ɛnneɛ na ɛnsɛ ɔman mma no tua ɛtoɔ biara. 27 Na mmom, ɛsiane mempɛ wɔfa yɛn ho abufuo no enti, asuo no mu kɔto darewa. Apataa a wobɛyi no adi ɛkan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo ɛtoɔ no tua ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-