Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 21

Yesu Yerusalem

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu , wɔnni ɛkan nkɔ. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "moduru a, mobɛhunu wɔasa afunumu bi ne ne ba ahoma. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 obi bisa mo ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no , Wɔn ho hia Awurade,na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba."

4 Wɔyɛɛ yei hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka ,

5 "Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion

wo ɔhene reba wo nkyɛn.

Ɔdwo, na ɔte afunumu ne,

afunumu ba so," no mu den.

6 Asuafoɔ baanu no yɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. 7 Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ afunumu no so, maa Yesu tenaa ne so. 8 Nnipadɔm a wɔwɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. 9 Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam ,

"Hosiana Dawid Ba!"

"Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no."

"Hosiana ɔsoro nohoa!"

10 Ɛberɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfoɔ no bisaa , "Na hwan ni?"

11 Nnipadɔm no buaa , "Ɛyɛ Yesu, Odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no."

Veja também