17 Ka ma yɛntie. Ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?"
18 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19 Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me." Wɔde bi kyerɛɛ no. 20 Ɔbisaa wɔn sɛ, "Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?"
21 Wɔbuaa sɛ, "Kaesare."
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn."