Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 23

Yesu Ka Atwerɛsɛm No Akyerɛkyerɛfoɔ Ne Farisifoɔ Anim

1 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafoɔ no , 2 "Atwerɛsɛm no Akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase. 3 Yei enti, ɛsɛ motie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso, monnyɛ deɛ wɔyɛ no bi ɛfiri , deɛ wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ. 4 Wɔhyɛ mo, ma modi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ wɔdi so.

5 "Biribiara a wɔyɛ no ɔyɛkyerɛ. Wɔatwerɛ Onyame Asɛm abɔ wɔn moma ne wɔn nsa so, na wɔhyɛ wɔn ntadeɛ de kyerɛ wɔyɛ ateneneefoɔ. 6 Na wɔkɔ apontoɔ ase nso a, wɔpɛ daa wɔtena mpanin tenabea. Afei, wɔkɔ asɔre nso a, wɔpɛ wɔtena mpanin tenabea pa. 7 wode obuo kyea wɔn abɔntene so na wofrɛ wɔn Rabianaa Owuraa, ɛyɛ wɔn .

8 "Mommma obiara mfrɛ mo saa. Ɛfiri , Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ anuanom. 9 Mommfrɛ obiara asase so ha Agya,ɛfiri , Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ wɔfrɛ no saa. 10 Na mommma wɔmmfrɛ mo Owura,ɛfiri , ɔbaako na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no. 11 Wobrɛ wo ho ase som afoforɔ a, wobɛyɛ ɔkɛseɛ. Wopɛ woyɛ kɛse a, ɔsomfoɔ. 12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Yesu Kasa Tia Nyaatwomyɛ

13 "Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ, ɛfiri , mosi afoforɔ Ɔsoro Ahennie ho ɛkwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforɔ a wɔpɛ wɔkɔ mu no ɛkwan. 14 Nyaatwomfoɔ! Mobɔ mpaeɛ atentene mmɔntene so de kyerɛ moyɛ ateneneefoɔ ɛberɛ a motu akunafoɔ firi wɔn afie mu.

15 "Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mokɔ ewiase afanan nyinaa mobɛnya onipa fua abɛfra mo mu. Na monya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sene sɛdeɛ moteɛ no.

16 "Monnue! Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka , obi de asɔredan ka ntam a, ɛno deɛ, ɛnyɛ hwee. Na ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam deɛ a, ɛnneɛ, ntam no kyekyere onii no. 17 Anifirafoɔ nkwaseafoɔ! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛte sikakɔkɔɔ no ho no? 18 Na moka , obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu afɔrebukyia no so ntam deɛ a, ɛkyekyere onii no 19 Anifirafoɔ! Afɔrebukyia a ɛte ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no ho no ne ayɛyɛdeɛ a ɛgu so no mu deɛ ɛwɔ he na ɛsom bo? 20 woka afɔrebukyia no ntam a, woka afɔrebukyia no ne ɛso ayɛyɛdeɛ no nyinaa ntam, 21 na woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam. 22 Na woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahennwa ne Onyankopɔn no ankasa ntam.

23 "Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Moyi ntotosoɔ dudu afifideɛ a ɛwɔ mo mfikyifuo mu no ho, nanso mogya nneɛma a ɛsom bo te atɛntenenee, ahummɔborɔ ne nokorɛdie. Ɛwom ɛsɛ moyiyi ntotosoɔ dudu no deɛ, nanso ɛnsɛ mogya nneɛma a ɛsom bo no. 24 Anifirafoɔ akwankyerɛfoɔ! Mosɔne deɛ morenom so, yi mu nwansena nanso momene yoma!

25 "Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Motwi mo kuruwa ne mo ayowaa ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no deɛ, asisie ne pɛsɛmenkomenya ahyɛ no ma . 26 Farisifoɔ anifirafoɔ! Montwi kuruwa no mu kane, na kuruwa no ho nyinaa bɛte!

27 "Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ! Mote ɛda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufoɔ nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma . 28 Moyɛ mo anim ateneneefoɔ, nanso bɔne ahodoɔ ahyɛ mo mu ma .

29 "Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ! Mosisi nna akɛseɛ ma adiyifoɔ a mo ara mo agyanom kunkumm wɔn, na mode nhwiren gugu ateneneefoɔ a wɔkunkum wɔn no da so, 30 na motwa mo ho ka , na yɛte ase saa ɛberɛ no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛeɛ no. 31 moka saa a, mobu mo ho moyɛ atirimuɔdenfoɔ mma. 32 Na modi wɔn anammɔn akyi saa bɔne korɔ no ara bi pɛpɛɛpɛ.

33 "Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu ogya mu atemmuo no? 34 Mɛsoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asɛnnua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa mo asɔredan mu, na moataa ebi firi nkuro so akɔ nkuro so. 35 Na ateneneefoɔ mogya a moahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel so de kɔsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no, bɛba mo so. 36 Mereka makyerɛ mo , atemmuo a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so.

37 "Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ, mpɛn ahe na anka mepɛɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! 38 Wɔbɛgya mo efie fituo ama mo. 39 Na mese mo , ɛfiri sɛsɛɛ morenhunu me bio kɔsi , mobɛka , Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.’ "

Veja também