Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 25

Mmabaawa Edu No Ho Ɛbɛ

1 "Ɔsoro Ahennie te mmabaawa edu bi a wɔfaa wɔn nkanea wɔrekɔhyia ayeforɔkunu. 2 Na mmabaawa no mu baanum anyansafoɔ ɛnna baanum nso nkwaseafoɔ. 3 Wɔn mu nkwaseafoɔ no rekɔ no, wɔfaa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho. 4 Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa ngo kaa wɔn nkanea ho de kɔeɛ. 5 Ayeforɔkunu no amma ntɛm, enti wɔhyɛɛ aseɛ totɔɔ nko dedaeɛ.

6 "Ɔdasuom na wɔtee nteateamu , Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!

7 "Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn nkanea no. 8 Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no , Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn nkanea no mu na ɛredum.

9 "Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn , Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.

10 "Wɔrekɔtɔ ngo no , na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu.

11 "Akyire yi a baanum no sane baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ , Owura, hini yɛn!

12 "Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn , Momfiri nkɔ. Mennim mo!

13 "Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsane aba.

Veja também