Publicidade

Mateus 26

Wɔbɔ Yesu Ho

1 Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , 2 "Monim aka nnanu na Twam Afahyɛ no aduru, na wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asɛnnua mu."

3 Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu Ɔsɔfopanin Kaiafa efie, 4 retu agyina ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhunu akyire. 5 Nanso, wɔkaa , "Ɛnsɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu."

Wɔsra Yesu Ngo Betania

6 Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie. 7 Ɔwɔ redidi no, ɔbaa bi) a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ den yie toa ma baa , bɛhwie guu Yesu tirim.

8 Asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn . Wɔkaa , "Adesɛeɛ yi ase ne sɛn? 9 Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ."

10 Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me. 11 Mo ne ahiafoɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni daa. 12 Wahwie ngo hwamhwam yi agu me so, de asiesie me onipadua ama me sie. 13 Wɔde deɛ ɔyɛeɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka deɛ ɔyɛeɛ yi ewiase baabiara a wɔka asɛmpa no."

Yuda Pene So Ɔbɛyi Yesu Ama

14 Afei, Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn, 15 kɔbisaa wɔn , "meyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?" Wɔmaa no dwetɛ mpɔ aduasa 16 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.

Yesu Ne Nʼasuafoɔ Adidie A Ɛdi Akyire

17 Apiti Afahyɛ da a ɛdi ɛkan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , "Ɛhe na wopɛ yɛkɔdi Twam Afahyɛ no?"

18 Ɔbuaa wɔn , "Monkɔ kuro no mu nkɔhunu ɔpanin asomasi nka nkyerɛ no , Yɛn Wura se, ne berɛ abɛn, na wo fie na ɔne nʼasuafoɔ no bɛdi Twam Afahyɛ no.’ " 19 Asuafoɔ no dii deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduane a wɔbɛdi efie a wɔnyaeɛ no mu.

20 Ɛduruu anwummerɛ a ɔne Dumienu no te adidiiɛ no, 21 ɔkaa , "Mo mu baako bɛyi me ama."

22 Asɛm yi maa wɔn werɛ hoo yie, na wɔfirii aseɛ bisabisaa mmaako mmaako , "Awurade, ɛyɛ me anaa."

23 Yesu buaa , "Deɛ ɔne me didi ayowaa baako mu no, ɔno na ɔbɛyi me ama. 24 Ɛsɛ Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ."

25 Yuda nso bisaa no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ me anaa?"

Yesu buaa no , "Aane."

Adidi Kronkron

26 Ɛberɛ a wɔredidi no. Yesu faa burodo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafoɔ no kaa : "Monnye nni, yei ne me onipadua."

27 Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa , "Mo nyinaa monnom bi, 28 na yei ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den, a wɔhwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fakyɛ. 29 Montie deɛ mereka yi yie. Merennom saa nsã yi bi bio da, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom bi bio mʼAgya Ahennie no mu."

30 Na wɔtoo dwom wieeɛ no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Yesu Hyɛ Petro Pa A Ɔbɛpa No No Ho Nkɔm

31 Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Anadwo yi, mo nyinaa bɛdwane agya me. Na wɔatwerɛ ,

" Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,

na nnwankuo no abɔ apete.

32 Na mesane ba nkwa mu bio a, mɛkɔ Galilea, na makɔhyia mo ."

33 Petro ka kyerɛɛ no , "nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da."

34 Yesu ka kyerɛɛ no , "Nokorɛm, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mprɛnsa!"

35 Petro pae mu kaa , "Mpo ɛtwa me ne wo wu a, merempa wo da!" Asuafoɔ no nyinaa nso kaa saa asɛm korɔ yi ara.

Yesu Mpaeɛ Getsemane

36 Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ Getsemane. Wɔduruu no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ." 37 Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn edin de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ hyɛɛ aseɛ hoeɛ, na ne ho nso yeraa no. 38 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de owuo mu. Montena ha na mo ne me nwɛn."

39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ , "MʼAgya, ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ, na nyɛ deɛ mepɛ."

40 Na ɔsane baa asuafoɔ baasa no nkyɛn bɛhunuu wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no , "Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo? 41 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom deɛ, nanso ɔhonam mmerɛ!"

42 Ɔsane gyaa wɔn bio kɔbɔɔ mpaeɛ , "MʼAgya, kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ menom a, deɛ wopɛ nyɛ."

43 Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu wɔn wɔadeda ɛfiri , na wɔn ani kum yie. 44 Ɔsane kɔɔ mpaeɛbɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa so kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛm korɔ no ara.

45 Ɔsane baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn , "Afei deɛ, monna na monhome. Hwɛ, ɛdɔn no aduru. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa! 46 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Deɛ ɔreyi me ama no na ɔreba no!"

Wɔkyere Yesu

47 Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako ne dɔm a Yudafoɔ mpanin asoma wɔn a wɔkurakura akofena ne mmaa baa . 48 Na Yuda aka akyerɛ wɔn , wɔnkyere onipa a ɔbɛyɛ no atuu no, ɛfiri , ɔno ne onipa a wɔrehwehwɛ no no. 49 Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kaa , "Me wura, atuu!"

50 Yesu ka kyerɛɛ no , "Damfo, deɛ wobaa ha worebɛyɛ no, no ntɛm."

Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu. 51 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso.

52 Yesu ka kyerɛɛ no , "To wʼakofena no twene. Na wɔn a wɔtwe akofena no, akofena ano na wɔbɛwuo. 53 Monnim mɛtumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfoɔ mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? 54 Nanso, meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ Atwerɛsɛm ka deɛ asi yi ho no bɛba mu?"

55 Yesu bisaa ɛdɔm a wɔbaa ne soɔ no , "Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so mode rebɛkye me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ asɔrefie da biara da, nso moansi me kwan. 56 Nanso, yei nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ adiyifoɔ no kaeɛ Atwerɛsɛm mu no bɛba mu." Saa ɛberɛ no ara mu na asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no.

Yesu Gyina Kaiafa Anim

57 Afei, ɛdɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim, baabi a Yudafoɔ mpanin nyinaa ahyia . 58 Petro tee ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanin no efie bi. Ɔkɔtenaa asomfoɔ a wɔwɔ no mu ɔrehwɛ asɛm a ɛbɛsie.

59 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ asɛnnifoɔ akunini nyinaa hyiaa hwehwɛɛ wɔbɛnya adansefoɔ bi a wɔbɛdi adansekurumu ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. 60 Nnipa bebree bɛdii adanseɛ, nanso wɔhunuu wɔredi adansekurumu ɛfiri , na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa abira.

Akyire yi, nnipa baanu bi ba bɛkaa 61 , "Saa onipa yi kaa , Mɛtumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ "

62 Ɔsɔfopanin no sɔre bisaa Yesu , "Ɛdeɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?" 63 Nanso, Yesu ammua no.

Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ no , "Meka Onyankopɔn teasefoɔ no , wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!"

64 Yesu ka kyerɛɛ no , "Aane, woaka. Na daakye mobɛhunu me, Agyenkwa no, mete Onyankopɔn nifa na menam omununkum mu resane aba."

65 Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu teaam , "Abususɛm! Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no! 66 Asɛm bɛn na mowɔ ka?"

Wɔn nyinaa teaam , "Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo!"

67 Afei, wɔtee ntasuo guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ 68 kaa , "Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo?"

Petro Pa Yesu

69 Saa ɛberɛ no na Petro te adihɔ. Abaayewa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mofiri Galilea."

70 Nanso, Petro de abufuo sane ne ho , "Mennim deɛ woreka yi ho hwee."

71 Akyire yi, abaayewa foforɔ bi hyiaa no ɛpono bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina no , "Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam."

72 Petro de ntam sane ne ho bio , "Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm no."

73 Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wɔgyina no bi bɛka kyerɛɛ petro , "Yɛnim woyɛ nʼasuafoɔ no mu baako, na wo kasa nso yi wo adi woyɛ Galileani."

74 Petro hyɛɛ aseɛ dii nse, kekaa ntam , "Mennim onipa no!"

Amonom ara na akokɔ bɔneeɛ. 75 Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no , "Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa" no. Na ɔfirii adi kɔsuiɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-