Publicidade

Marcos 14

Wɔbɔɔ Yesu Ho

1 Aka nnanu na Twam Afahyɛ) ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no. 2 Nanso, wɔkaa , "Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu."

Wɔsra Yesu Ngo Betania

3 Yesu Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo den baa . Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim.

4 Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi . Na wɔkaa , "Wasɛe ngo no kwa. 5 Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ."

6 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no ade pa a ɔyɛeɛ no ho? 7 Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ mo nkyɛn. 8 Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi ɛkan asra me onipadua ama ɛda a wobɛsie me. 9 Mereka makyerɛ mo , baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no ewiase no, wɔde deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no bɛkae no, akamfo no."

Yuda Pene So Ɔbɛyi Yesu Ama

10 Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho. 11 Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no . Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Yesu Ne Nʼasuafoɔ Adidie

12 Apiti Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan a wɔkum Twam Afahyɛ odwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no.

13 Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne , "Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi. 14 Baabiara a ɔbɛwura no, monka nkyerɛ efiewura no , Yɛn wura asoma yɛn , yɛmmɛhwɛ ɛdan a wɔasiesie ama yɛn a yɛbɛdi Twam Afahyɛ no mu no. 15 Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn."

16 Asuafoɔ baanu no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔhunuu biribiara sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee Twam Afahyɛ no .

17 Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ne dumienu no baeɛ. 18 Na wɔte redidi no, Yesu kaa , "Merema mo ate aseɛ , mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako bɛyi me ama."

19 Wɔn nyinaa werɛ hoeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ bisaa mmaako mmaako , "Ɛyɛ me anaa?"

20 Ɔbuaa wɔn , "Ɛyɛ mo dumienu a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako. 21 Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ."

Adidi Kronkron Asehyɛ

22 Ɛberɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa , "Monnye nni; yei ne me onipadua."

23 Afei, ɔfaa kuruwa a nsã mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.

24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree enti wɔrehwie agu. 25 Mereka akyerɛ mo , merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio Onyankopɔn Ahennie no mu."

26 Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Yesu Hyɛ Pa A Petro Bɛpa No No Ho Nkɔm

27 Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri , Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa ,

" Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,

na nnwan no abɔ apete.

28 Na mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo ."

29 Petro ka kyerɛɛ no , "nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!"

30 Yesu ka kyerɛɛ no , "Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa."

31 Petro de anibereɛ kaa , "Merempa wo da! ɛsɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!" Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ.

Yesu Mpaeɛ Getsemane

32 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Montena ha, na merekɔbɔ mpaeɛ aba." 33 Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho hyɛɛ aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa. 34 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn."

35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ , ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ. 36 Ɔkaa , "Abba, Agya! Wotumi biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ , na ɛnyɛ deɛ mepɛ."

37 Ɔsane baeɛ no, ɔbɛhunuu asuafoɔ baasa no wɔadeda. Ɔbisaa Petro , "Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo? 38 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ na ɔsɔhwɛfoɔ no anni mo so. Honhom no deɛ, na honam no na ɛyɛ mmerɛ."

39 Ɔsane kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ no ara. 40 Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu wɔadeda, ɛfiri , na wɔabrɛbrɛ. Na wonhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no.

41 Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn . "Mogu so adeda a morehome? Ɛberɛ a ɛsɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. 42 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, deɛ ɔreyi me ama no ha!"

Wɔkyere Yesu

43 Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafoɔ no mu baako ne dɔm a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin asoma wɔn ka ne ho a, wɔkurakura akofena ne mmaa baa .

44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada , "Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkyere no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ." 45 Ɛno enti, wɔduruu , ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa , "Me Wura." Afei, ɔyɛɛ no atuu. 46 Ɛhɔ ara, na ɛdɔm a wɔne Yuda nam no sɔɔ Yesu mu kyeree no. 47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso ma ɛteeɛ.

48 Yesu bisaa wɔn , "Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so rebɛkye me anaa? 49 Adɛn na ɛberɛ a merekyerɛkyerɛ asɔredan mu no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ me ho no bɛba mu." 50 Asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no.

51 Aberanteɛ bi a ɔde ntomasini bi asi nʼasene dii nʼakyi. 52 Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ wɔkyere no, nanso ɔgyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee.

Yesu Gyina Ɔsɔfopanin Anim

53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa . 54 Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu.

55 Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi. 56 Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira.

57 Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so , 58 "Yɛtee ɔkaa , Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ " 59 Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia.

60 Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu , "Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?" 61 Yesu ammua no.

Afei, Ɔsɔfopanin no bisaa no bio , "Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?"

62 Yesu buaa no , "Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no ɔte Onyankopɔn nifa, na ɔnam omununkum mu resane aba asase so."

63 Yei maa Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu kaa , "Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no. Ɛdeɛn na mowɔ ka?"

Wɔn nyinaa gye too mu , ɔsɛ owuo. 65 Na ebinom tee ntasuo guu ne so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no "Wose woyɛ odiyifoɔ, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!" Na asomfoɔ a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotorɔ.

Petro Pa Yesu

66 Ɛberɛ a na Petro te adihɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa ; 67 na ɔhunuu Petro ɔreto ogya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no , "Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!"

68 Petro saneeɛ , "Mennim deɛ woreka yi ho hwee!" Na ɛhɔ ara na ɔfirii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa ɛberɛ no ara na akokɔ bɔnee.

69 Abaawa no sane hunuu no, na ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no , "Yei nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako!" 70 Petro saneeɛ bio.

Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wɔgyina ogya no ho no hyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ Petro , "Woka wɔn ho, ɛfiri , woyɛ Galileani!"

71 Petro hyɛɛ aseɛ kekaa ntam, dii nse , "Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi."

72 Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no , "Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa" no. Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-