Yohane Osubɔni Asɛnka
1 Ɛberɛ a Yesu ne nʼawofoɔ wɔ Nasaret no, Yohane Osubɔni bɛkaa asɛm wɔ Yudea ɛserɛ so sɛ, 2 "Monnu mo ho; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn" 3 Yohane ne deɛ odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ,
"Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ,
‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade;
momma nʼatempɔn ntene!’ "
4 Saa ɛberɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, bɔ aboa nhoma abɔsoɔ. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ. 5 Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so hɔ kɔtiee asɛm no bi. 6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.