Ɔbonsam Sɔ Yesu Hwɛ
1 Yei akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ ɛserɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2 Saa ɛberɛ no mu, Yesu dii mmuada adaduanan awia ne anadwo. Yei maa ɛkɔm dee no. 3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, "Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane."
4 Yesu buaa no sɛ, "Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ "
5 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, 6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huri firi deɛ wogyina hɔ si fam, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ,
" ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛsɔ wo,
na woammɛhwe abotan so.’ "
7 Yesu buaa bio sɛ, "Wɔatwerɛ sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ.’ "
8 Yei akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no ewiase ahennie ahodoɔ ne emu animuonyam nyinaa. 9 Afei, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Sɛ wobɛkoto asom me a, mede deɛ wohunu yi nyinaa bɛma wo."
10 Ɛhɔ ara na Yesu buaa sɛ, "Firi me so, Ɔbonsam! Hunu sɛ, wɔatwerɛ sɛ ‘Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ "
11 Yesu ano siiɛ no, ɔbonsam gyaa no hɔ kɔeɛ. Ɛno akyi, abɔfoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsom no.