2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, "Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ."
3 Yesu tenee ne nsa de kaa ɔkwatani no kaa sɛ, "Mɛsa wo yadeɛ. Kwata, firi ne ho kɔ!" Amonom hɔ ara, kwata no firii ne ho. 4 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansedie no."