Yesu Brɛ Ahum Ase
23 Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi. 24 Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada. 25 Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, "Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!"
26 Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?" Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
27 Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, "Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?"