Anifirafoɔ Baanu Bi Ayaresa
27 Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, "Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!"
28 Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, "Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?"
Wɔbuaa no sɛ, "Aane, Awurade, yɛgye di!"
29 Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, "Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!" 30 Amonom hɔ ara na wɔn ani buebueeɛ. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, "Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara." 31 Nanso, nnipa no firi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuro.