Publicidade

Provérbios 11

1 Awurade kyiri asisie nsania,

na nʼani gye nokorɛ nkariboɔ ho.

2 Ahantan ba a, animguaseɛ na ɛdi soɔ

nanso ahobrɛaseɛ de nyansa ba.

3 Teefoɔ nokorɛdie kyerɛ wɔn ɛkwan;

nanso nkontompofoɔ ano ntanta sɛe wɔn.

4 Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no,

nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu.

5 Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ ɛkwan tee ma wɔn,

nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase.

6 Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn,

nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ.

7 omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera;

deɛ ɔsusuu ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no kwa.

8 Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu,

na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.

9 Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko,

nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.

10 teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie;

nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose.

11 Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no so,

nanso amumuyɛfoɔ ano no.

12 Onipa a ɔnni adwene no bu ne yɔnko animtiaa,

nanso deɛ ɔwɔ nhunumu no to ne tɛkrɛma nnareka.

13 Osekuni da kɔkoamsɛm adi,

nanso deɛ yɛnya ne mu ahotosoɔ no kora kasasie so.

14 Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no ,

nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba.

15 Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane,

na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no.

16 Ɔbaa a ne yam no wɔde obuo ma no,

nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara.

17 Ɔyamyɛfoɔ ma ne ho,

na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so.

18 Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina,

nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu.

19 Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa,

nanso deɛ ɔkɔ so bɔne no owuo mu.

20 Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa,

na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho.

21 Gye to mu , amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua,

na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu.

22 Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no

te sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu.

23 Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie,

nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ.

24 Obi adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree;

obi nso adɔna, nanso ɛhia no.

25 Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho;

na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

26 Nnipa dome deɛ ɔde atokoɔ sie,

na nhyira ba deɛ ɔtɔn ne deɛ so.

27 Deɛ ɔhwehwɛ papa akyiri ɛkwan no nya anisɔ,

na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.

28 Deɛ ɔde ne ho to nʼahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase,

na ɔteneneeni bɛyɛ frɔmm ahahan mono.

29 Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ,

na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ.

30 Ɔteneneeni aba nkwa dua,

na deɛ ɔgye akra no onyansafoɔ.

31 teneneefoɔ nya wɔn akatua asase so a

ɛnneɛ na wɔn a wɔnnim Onyame ne abɔnefoɔ nso ɛ!

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-