Publicidade

Provérbios 12

1 Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no nimdeɛ,

na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no ogyimifoɔ.

2 Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom,

na Awurade bu onifirani .

3 Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,

na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.

4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa ne kunu ahenkyɛ,

nanso ɔyere animguasefoɔ te porɔeɛ ne kunu nnompe mu.

5 Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ ,

na amumuyɛfoɔ afotuo nnaadaa.

6 Amumuyɛfoɔ nsɛm da twɛn mogya,

na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.

7 Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera,

nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.

8 Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ

na nnipa a wɔn adwene kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.

9 Ɛyɛ wobɛyɛ wo ho ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ,

sene wobɛyɛ wo ho obi, nanso wonni aduane.

10 Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ,

na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara atirimuɔden.

11 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree,

na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.

12 Amumuyɛfoɔ abɔnefoɔ afodeɛ,

nanso ɔteneneeni ase dɔre.

13 Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no afidie,

nanso ɔteneneeni nya ne ho tete ahohiahia mu.

14 Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma

sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.

15 Ɔkwasea akwan tene nʼani so,

na ɔnyansafoɔ tie afotuo.

16 Ɔkwasea bo nkyɛre fu,

nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.

17 Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo,

na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.

18 Nsɛm hunu keka wowɔ te akofena

nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.

19 Ano a ɛka nokorɛ no tim daa,

na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.

20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,

na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.

21 Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,

nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.

22 Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ,

na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.

23 Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro

na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.

24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

25 Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto,

nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

26 Ɔteneneeni ntoboaseɛ ayɔnkofa mu,

nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.

27 Onihafoɔ ntoto ne hanam,

nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.

28 Tenenee kwan mu nkwa;

na owuo nni saa ɛkwan no so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-