Publicidade

Isaías 50

Israel Amumuyɛ Ne Ɔsomfoɔ No Osetie

1 Sei na Awurade seɛ:

"Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwoma

a megyinaa so gyaa no ɛkwan no he?

Anaa mʼadefirifoɔ mu hwan

na metɔn wo maa noɔ?

Wo bɔne enti na wɔtɔn wo;

Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame.

2 Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni ?

Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ?

Na me nsa tia dodo ɛbɛgye wo anaa?

Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa?

Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we,

medane nsubɔntene anweatam

emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti

na osukɔm kumm wɔn.

3 Mede esum fira ɔsoro

na mema ayitoma ne nkataho."

4 Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma

ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den.

Ɔnyane me anɔpa biara,

na ɔbue mʼaso ma metie obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.

5 Otumfoɔ Awurade abue mʼaso

na menyɛɛ otuatefoɔ;

na mensanee mʼakyi.

6 Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me,

na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ.

Mamfa mʼanim ansie wɔn

fɛdie ne ntasuteɛ ho.

7 Esiane , Asafo Awurade boa me enti,

wɔrengu mʼanim ase.

Enti na mayɛ mʼanim twerɛboɔ,

na menim mʼanim rengu ase.

8 Deɛ ɔbu me bem no abɛn.

Enti hwan na ɔbɛbɔ me kwaadu?

Ɔmmra na yɛnhyia mu!

Hwan na ɔbɔ me soboɔ?

Ma ɔnka nsi mʼanim!

9 Asafo Awurade na ɔboa me.

Hwan ne deɛ ɔbɛbu me ?

Wɔn nyinaa bɛtete atadeɛ;

nnweweboaa bɛwe wɔn.

10 Mo mu hwan na ɔsuro Awurade,

na ɔdi ne ɔsomfoɔ asɛm so?

Ma deɛ ɔnam esum mu,

deɛ ɔnni hann no,

ɔnnye Awurade din nni

na ɔmfa ne ho nto ne Onyankopɔn so.

11 Na afei, monhwɛ yie, mo a monante

mo ankasa hann mu,

mo a mode ogya a mo ankasa asɔ ka mo ho hye,

Yei ne deɛ mobɛnya afiri me nsa mu;

mobɛhwe ase adeda fam ɔyea mu.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-