Publicidade

Provérbios 13

1 Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;

na ɔfɛdifoɔ ntie animka.

2 Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ,

na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn basabasayɛ.

3 Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,

nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.

4 Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee,

na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.

5 Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ,

nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba.

6 Tenenee ɔnokwafoɔ ho ban,

na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.

7 Obi ne ho ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee,

ɔfoforɔ ne ho ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.

8 Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa,

nanso ohiani nte ahunahuna biara.

9 Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara,

nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea.

10 Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba,

na wɔhunu nyansa wɔn a wɔtie afutuo mu.

11 Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so,

na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.

12 Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no akoma yadeɛ,

nanso anigyinadeɛ a nsa aka no nkwa dua.

13 Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka,

nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua.

14 Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te nkwa asutire,

ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

15 Nhunumu pa de adom ba,

nanso atorofoɔ ɛkwan so den.

16 Ɔbadwemma biara nʼadeɛ nimdeɛ mu,

nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.

17 Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ amaneɛ mu,

nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.

18 Deɛ ɔpo ntenesoɔ no ohia ne animguaseɛ mu,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam.

19 Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye,

nanso nkwaseafoɔ kyiri wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho.

20 Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa,

na deɛ ɔne nkwaseafoɔ no hunu amane.

21 Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi,

na nkɔsoɔ teneneeni akatua.

22 Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom,

na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.

23 Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii,

nanso ntɛnkyea pra .

24 Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba,

na deɛ ɔdɔ no no hwɛ ɔbɛtene no.

25 Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma mee

nanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-