Publicidade

Provérbios 2

Nyansa Ho Mfasoɔ Abrabɔ Mu

1 Me ba, wotie me nsɛm,

na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a,

2 wowɛn wʼaso ma nyansa

na wode wʼakoma ma nteaseɛ,

3 na woma wo nne so frɛ nhunumu

na wosu frɛ nteaseɛ,

4 na wohwehwɛ no te deɛ wohwehwɛ dwetɛ

na wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a,

5 ɛno na wobɛte Awurade suro ase

na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

6 Awurade ma nimdeɛ,

na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.

7 Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ,

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan ,

8 ɔwɛn deɛ ɔtene akwan,

na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.

9 Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ

ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.

10 Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu,

na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.

11 Adwene bɛbɔ wo ho ban

na nteaseɛ ahwɛ wo so.

12 Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu,

ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm basabasa nsam,

13 na wɔmane firi akwan pa so

kɔnante esum akwan so,

14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

na wɔdi ahurisie bɔne mu basabasayɛ ho,

15 wɔn a wɔn akwan kɔntɔnkye

na wɔyɛ abonsamfoɔ wɔn akwan mu.

16 Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam,

afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho,

17 deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kunu

na wapo apam a ɔyɛɛ Onyankopɔn anim no.

18 Ne fie ɛkwan a ɛkɔ owuo mu

na nʼakwan awufoɔ honhom nkyɛn.

19 Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma

anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

20 Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi

na woanante ateneneefoɔ akwan so.

21 Ɛfiri wɔn a wɔtene bɛtena asase no so,

na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka ;

22 na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so,

na wɔatɔre atorofoɔ ase.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-