Publicidade

Provérbios 21

1 Ɔhene akoma da Awurade nsam;

ɔkyerɛ no ɛkwan te asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

2 Onipa akwan nyinaa tene nʼani so,

nanso Awurade na ɔkari akoma.

3 woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a

ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.

4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma,

ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa bɔne!

5 Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba

sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.

6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no

huhuro ne owuo afidie.

7 Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,

ɛfiri wɔmpɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.

8 Onipa a ɔdi no akwan kɔntɔnkye,

na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.

9 Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena

sene wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

10 Omumuyɛfoɔ kɔn bɔne;

ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.

11 wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa,

wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.

12 Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso omumuyɛfoɔ fie

na ɔde omumuyɛfoɔ no ɔsɛeɛ mu.

13 onipa sisi nʼaso mmɔborɔni su ho a

ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.

14 Kokoam adekyɛ dwodwo akoma,

kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.

15 wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye

nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.

16 Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no

bɛhome awufoɔ fekuo mu.

17 Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani;

deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.

18 Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to ma teneneefoɔ,

na atorofoɔ saa ma wɔn a wɔyɛ .

19 Ɛyɛ wobɛtena ɛserɛ so,

sene wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.

20 Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma,

nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.

21 Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no

ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.

22 Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so

na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.

23 Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no

ɔtwe ne ho firi amanenya ho.

24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne "Ɔfɛdifoɔ"

ɔde ahantan ntrasoɔ adeɛ.

25 Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn no bɛyɛ owuo ama no,

ɛfiri ne nsa mpɛ adwumayɛ.

26 Ɛda mu nyinaa ɔpere ɔbɛnya bebree,

nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.

27 Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ akyiwadeɛ,

ne titire ne ɔde adwemmɔne bata ho.

28 Adansekurumdini bɛyera,

na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.

29 Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm

na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.

30 Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni a

ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.

31 Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da,

nanso nkonimdie Awurade dea.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-