Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 15

Saulo Sɛe Amalekfoɔ

1 Ɛda koro bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo , "Me na Awurade somaa me memmɛsra wo ngo Israel ɔhene. Afei tie nkra a ɛfiri Awurade nkyɛn no. 2 Asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ nie, Me ne Amalekfoɔ bɛdi deɛ wɔyɛ de tiaa Israelfoɔ ɛberɛ a na wɔfiri Misraim reba no. 3 Enti, na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, nyoma ne mfunumu.’ "

4 Enti, Saulo frɛɛ nʼakodɔm boaa wɔn ano Telaim. Na wɔn dodoɔ asraafoɔ ɔpehanu ne ɔpedu nso a wɔfiri Yuda. 5 Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛɛ bɔnhwa no mu. 6 Na ɔtoo Kenifoɔ no nkra , "Momfiri deɛ Amalekfoɔ teɛ na mansɛe mo ne wɔn, ɛfiri , Israelfoɔ no firi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yie." Enti, Kenifoɔ no twee wɔn ho firi Amalekfoɔ no ho.

7 Na Saulo kunkumm Amalekfoɔ no firii Hawila kɔsii Sur Misraim apueeɛ fam. 8 Ɔkyeree Amalekfoɔ ɔhene Agag anikann, nanso ɔkunkumm nnipa no nyinaa. 9 Na Saulo ne nʼakodɔm no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nnwan pa, anantwie pa ne anantwie ne nnwan mma a wɔadodɔre sradeɛ ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee deɛ ɛho nni wɔn mfasoɔ na ɛnni mu nyinaa.

Awurade Po Saulo

10 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel , 11 "Manu me ho masi Saulo ɔhene, ɛfiri , wanni me nokorɛ, na afei wayɛ nʼadwene ɔrentie mʼasɛm." Asɛm no haa Samuel, na ɔsu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.

12 Adeɛ kyee no, Samuel sɔree ntɛm kɔhyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no , "Saulo kɔɔ Karmel ɔrekɔsi nkaeɛdum de ahyɛ ne ho animuonyam, na ɔfirii kɔɔ Gilgal."

13 Na Samuel hunuu no akyire no, Saulo kyeaa no anigyeɛ so , "Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛdeɛ no so."

14 Samuel bisaa , "Na adɛn ne nnwan ne anantwie su a mete yi?"

15 Saulo gye too mu , "Ɛyɛ nokorɛ akodɔm no amfa wɔn nsa anka nnwan pa ne anantwie pa no. Nanso, wɔde yei rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no deɛ, yɛasɛe no."

16 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo , "Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwam yi."

Saulo bisaa , "Ɛdeɛn asɛm?"

17 Samuel ka kyerɛɛ no , "Ebia wobu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wodii Israel mmusuakuo nyinaa so no? Awurade asra wo ngo ɔhene Israel so. 18 Na ɔsomaa wo kɔdi dwuma bi ma no, na ɔsee wo , na kɔsɛe amumuyɛfoɔ a ɛyɛ Amalekfoɔ no pasapasa, kɔsi mobɛtɔre wɔn ase dworobɛɛ.19 Adɛn enti na woantie Awurade? Adɛn enti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ deɛ Awurade kaa monnyɛ?"

20 Saulo nso kaa no dendeenden , "Metiee Awurade. Deɛ ɔkyerɛɛ me menyɛ no, meyɛeɛ. Mede ɔhene Agag sane baeɛ. Na wɔn a aka no deɛ, mesɛee wɔn nyinaa. 21 Na mʼakodɔm no nso de nnwan pa, anantwie pa ne asadeɛ baeɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn Gilgal."

22 Na Samuel buaa ,

"Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani:

wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ

anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne?

Osetie sene afɔrebɔ,

wobɛtie no no sene wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma.

23 Adɔnyɛ te bayie,

ɛna asoɔden nso te ahonisom.

Esiane woapo Awurade asɛm no enti,

ɔno nso apo wʼahennie."

Saulo Srɛ Bɔnefakyɛ

24 Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel , "Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no. 25 Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade."

26 Samuel ka kyerɛɛ no , "Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!"

27 Samuel yɛɛ ɔrekɔ no, Saulo sɔɔ nʼatadeɛ mu pɛɛ ɔsane noɔ, na atadeɛ no mu suaneeɛ. 28 Samuel ka kyerɛɛ no , "Hwɛ ɛfiri ɛnnɛ, Awurade ate Israel ahemman mu afiri wo ho de ama obi foforɔ a ɔyɛ sene wo. 29 Deɛ ɔyɛ Israel Animuonyam no nni atorɔ na ɔnsesa nʼadwene; ɛfiri , ɔnnyɛ onipa na wasesa nʼadwene."

30 Saulo srɛɛ bio , "Menim mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo , hyɛ me animuonyam me mpanimfoɔ ne me nkurɔfoɔ anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Onyankopɔn." 31 Enti, Samuel pene ne Saulo sane kɔeɛ, na Saulo somm Awurade.

Samuel Kum Ɔhene Agag

32 Afei, Samuel kaa , "Fa ɔhene Agag brɛ me."

Agag baa ne nkyɛn gyidie mu, susuu ɛhɔ a wakɔ no deɛ, owuo apare no.

33 Nanso, Samuel kaa ,

"Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no,

wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba."

Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim Gilgal.

34 Na Samuel firi kɔɔ Rama ɛna Saulo nso kɔɔ ne fie Gibea. 35 Samuel anhyia Saulo bio nanso ɔdii ne ho yea bebree. Na ɛyɛɛ Awurade yea wasi Saulo ɔhene Israel so.

Veja também