Publicidade

Números 23

Balaam Hyira Israelfoɔ

1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no , "Si afɔrebukyia nson ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn afɔdeɛ." 2 Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ.

3 Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no , "Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo." Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi.

4 Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade , "Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ."

5 Afei, Awurade de nkra maa Balaam ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak.

6 Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. 7 Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:

"Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram.

Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so.

Ɔkaa , Bra bɛdome Yakob ma me!

Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.

8 Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome

wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn?

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn ,

nnipa a Awurade mmuu wɔn ?

9 Mehunu wɔn firi abotan atifi;

mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so.

Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase,

a wɔayi wɔn afiri amanaman mu.

10 Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso mfuturo?

Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako?

Ma menwu ɔteneneeni;

na mawieɛ nyɛ wɔn deɛ."

11 Ɔhene Balak bisaa Balaam , "Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!"

12 Nanso, Balaam buaa , "Metumi aka biribi a Awurade nkaa menka anaa?"

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Mmienu

13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no , "Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi . Dome wɔn a wobɛhu wɔn no nyinaa." 14 Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson . Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ.

15 Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no , "Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho ha na me nso merekɔhyia Awurade."

16 Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no.

17 Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa , "Awurade aka sɛn?"

18 Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:

"Balak, sɔre na tie;

Sipor babarima tie me.

19 Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ;

Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.

Wakasa a wanyɛ anaa?

Wahyɛ bi pɛn a wanni so anaa?

20 Wɔhyɛɛ me menhyira;

wahyira, na merentumi nnane no!

21 "Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so.

Ɔhaw biara nni mma Israel!

Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho.

Ɔne wɔn ɔhene!

22 Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim;

ɔte nantwie hoɔdenfoɔ ma wɔn.

23 Nnome biara renka Yakob,

abayisɛm biara nni tumi Israel so.

Na wɔbɛka Yakob ho ,

Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!

24 Saa nnipa yi sɔre gyataburu.

Wɔgyina gyata hoɔdenfoɔ.

Ɔnnye nʼahome kɔsi ɔbɛwe nʼahaboa awie

na wanom ne mogya nyinaa!"

25 Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam , "worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn."

26 Nanso Balaam buaa no , "Manka ankyerɛ wo asɛm a Awurade bɛka akyerɛ me menka no na mɛka?"

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

27 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam , "Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn wobɛgyina adome wɔn." 28 Enti, ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔ Peor a ani kyerɛ anweatam no atifi pɛɛ so.

29 Bio, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no ɔnsi afɔrebukyia nson na ɔnsiesie nantwie mma nson ne nnwennini mma nson mma afɔrebɔ. 30 Ɔhene no yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔdeɛ afɔrebukyia nson no biara so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-