Publicidade

Provérbios 25

Salomo Mmɛbusɛm Nkekaho

1 Yeinom Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:

2 Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ wɔde asɛm sie;

wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.

3 Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu no,

saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.

4 wɔyi dwetɛ ho a,

dwetɛdwumfoɔ tumi de adeɛ a ɛho mfasoɔ;

5 Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim,

na tenenee bɛma nʼahennwa atim.

6 Mma wo ho so ɔhene anim,

na mpere diberɛ atitire mu;

7 Ɛyɛ ma no ɔbɛka akyerɛ wo , "Bra soro ha,"

sene ɔbɛbrɛ wo ase otitire bi anim.

Deɛ wode wʼani ahunu no

8 mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ,

na awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a

ɛdeɛn na wobɛyɛ?

9 wo ne wo yɔnko di asɛm a

nna obi foforɔ ahintasɛm adi,

10 anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase

na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.

11 Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no

te sika kɔkɔɔ a wɔabɔ aprɛ

de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.

12 Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ

te onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.

13 Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ otwa berɛ mu no

saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no;

na ɔma ne wuranom akomatɔyam.

14 Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no

te onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.

15 Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da,

na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.

16 wonya ɛwoɔ a, enni ntra so,

ne bebrebe bɛma woafe.

17 Ntaa nkɔ wo yɔnko fie,

wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

18 Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko no

te aporibaa, afena anaa bɛmma a ano nnam.

19 Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye

te deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.

20 Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no

te deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu

anaa te nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.

21 ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;

osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

22 woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi,

na Awurade bɛma wo akatua.

23 Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no,

saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.

24 Ɛyɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi,

sene wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

25 Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya no

te asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.

26 Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ,

te ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.

27 Ɛnyɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ,

na ɛnyɛ nso obi animuonyam ma ne ho.

28 Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no

te kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-