Publicidade

Provérbios 16

1 Akoma mu nhyehyɛeɛ onipa dea,

na tɛkrɛma mmuaeɛ firi Awurade.

2 Ɛyɛ onipa nʼakwan nyinaa kronn

nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.

3 Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,

na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.

4 Awurade biribiara ma nʼankasa botaeɛ,

mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da.

5 Awurade kyiri akoma mu ahantanfoɔ nyinaa.

Nya saa nteaseɛ yi , wɔremfa wɔn ho nni.

6 Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne;

onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.

7 onipa akwan Awurade ani a,

ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.

8 Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no

sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya.

9 Onipa ne nhyehyɛeɛ nʼakoma mu,

nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo.

10 Ɔhene anomu kasa te nkɔmhyɛ,

enti ɛnsɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee.

11 Nsania ne abrammoɔ a nsisie nni mu firi Awurade;

nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu no, ɔno na ɔyɛeɛ.

12 Ahemfo kyiri bɔneyɛ,

ɛfiri ahennwa si tenenee so.

13 Ahemfo ani ano a ɛka nokorɛ;

na wɔbu onipa a ɔka nokorɛ.

14 Ɔhene abufuhyeɛ owuo somafoɔ,

nanso onyansafoɔ bɛdwodwo ano.

15 ɔhene anim te a, ɛyɛ nkwa,

nʼadom te osutɔberɛ mu osumuna.

16 Ɛyɛ wobɛnya nyansa sene wobɛnya sikakɔkɔɔ,

wobɛnya nhunumu sene wobɛnya dwetɛ!

17 Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne;

deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no ne nkwa ho ban.

18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,

na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim.

19 Ɛyɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu

sene wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ.

20 Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ;

nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so.

21 Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ nhunumufoɔ,

na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ so.

22 Nteaseɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi,

nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ.

23 Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan,

na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ so.

24 Abodwosɛm te ɛwokyɛm

ɛyɛ ɔkra , na ɛsa nnompe yadeɛ.

25 Ɛkwan bi a ɛyɛ onipa ani so,

nanso ɛkɔwie owuo mu.

26 Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no adwuma den;

ɛfiri ɔpɛ ɔkum ne kɔm.

27 Ohuhuni bɔne,

ne kasa te egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ.

28 Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,

na osekuni tete nnamfonom ntam.

29 Basabasayɛni daadaa ne yɔnko

na ɔde no fa ɛkwammɔne so.

30 Deɛ ɔbu nʼani no redwene bɔneyɛ ho;

na deɛ ɔmua nʼano no ani bɔne so.

31 Ɛdwono animuonyam abotire;

tenenee mu asetena na ɛde ba.

32 Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no sene ɔkofoɔ,

na deɛ ɔmfa abufuo sene deɛ ɔko fa kuropɔn.

33 Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade ,

nanso ne gyinasie biara firi Awurade.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-