Publicidade

1 Samuel 16

Samuel Sra Dawid Ngo

1 Awurade bisaa Samuel , "Woadi Saulo ho awerɛhoɔ sɛdeɛ ɛsɛ. Mapo no Israel ɔhene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmammarima no mu baako ɔnyɛ me ɔhene foforɔ."

2 Samuel bisaa , "Mɛyɛ dɛn ayɛ yei? Saulo te a ɔbɛkum me."

Na Awurade ka kyerɛɛ no , "Fa nantwie ba ka wo ho, na ka , maba merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. 3 To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmammarima no mu deɛ wobɛsra no ngo ama me."

4 Samuel yɛɛ deɛ Awurade kyerɛɛ no ɔnyɛ no. Ɛberɛ a ɔduruu Betlehem no, ɛhɔ mpanimfoɔ no bɔɔ hu. Wɔbisaa no , "Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?"

5 Samuel buaa , "Aane, asomdwoeɛ mu. Merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. Monnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ." Enti, Samuel dwiraa Yisai ne ne mmammarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn afɔrebɔ no ase.

6 Wɔduruiɛ no, Samuel hunuu Eliab na ɔdwenee , "Ampa, deɛ Awurade asra noɔ no ni."

7 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Samuel , "Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, ɛfiri , mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛdeɛ nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ deɛ aniwa hunu, na Awurade deɛ, ɔhwɛ akoma mu."

8 Na Yisai frɛɛ Abinadab maa ɔtwaam Samuel anim. Nanso, Samuel kaa , "Yei nyɛ deɛ Awurade ayi no." 9 Yisai maa Sama twaam, nanso Samuel kaa , "Saa ara na Awurade nyii yei." 10 Yisai maa ne mmammarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no , "Awurade nyii wɔn mu biara." 11 Enti, ɔbisaa Yisai , "Mmammarima a wowɔ nyinaa ni anaa?"

Yisai buaa , "Akumaa pa ara , nanso ɔrehwɛ nnwan."

Samuel kaa , "Soma na wɔnkɔfa no mmra seesei. ɔmmaeɛ a, yɛrentena ase nnidi."

12 Enti, Yisai soma ma wɔkɔfaa no baeɛ. Na ɔyɛ bɔkɔɔ a ahoɔfɛ adware no na nʼani .

Awurade kaa , "Sɔre na sra no ngo. Ɔno nie."

13 Enti, Samuel faa toa a ngo mu no sraa no ne nuanom anim. Na, ɛfiri saa ɛda no, Awurade honhom baa Dawid so tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.

Dawid Som Saulo Ahemfie

14 Saa ɛberɛ yi na Awurade honhom afiri Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛmaa ɔtenaa ase ehu ne suro mu.

15 Ɛbaa saa no, Saulo asomfoɔ no bi kyerɛɛ adwene bi , "Akyinnyeɛ biara nni ho honhommɔne bi na ɛreha wo. 16 saa a, ɛnneɛ, momma yɛmpɛ sankubɔfoɔ papa bi, na honhom no ba bɛha wo a, wabɔ nnwom ama wo. Sankuo so nnwom bɛdwodwo wo. Na ɛrenkyɛre, wo ho bɛtɔ wo bio."

17 Saulo kaa , "Ɛyɛ asɛm papa. Monhwehwɛ sankubɔni papa bi na momfa no mmra ha."

18 Asomfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ Saulo , "Yisai a ɔfiri Betlehem babarima baako nim sankuo yie. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɔyɛ ɔkokoɔdurufoɔ hoɔdenfoɔ, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberanteɛ a ne ho , na Awurade ka ne ho."

19 Enti, Saulo tuu abɔfoɔ kɔɔ Yisai kɔka kyerɛɛ no , "Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ no brɛ me." 20 Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyie ba ne afunumu a wɔahyehyɛ aduane ne nsã ne so ka ho.

21 Enti, Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo Dawid asɛm yie, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodeɛkurafoɔ no mu baako. 22 Na Saulo too Yisai nkra , "Mesrɛ wo, ma Dawid mmɛka mʼadwumayɛfoɔ ho, ɛfiri , mepɛ nʼasɛm yie."

23 Na ɛberɛ biara a honhommɔne a ɛfiri Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛha no no, Dawid sankuo no. Ɛba saa a, Saulo ho no, na honhommɔne no nso .

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-