Publicidade

Romanos 11

Israel Nkaeɛfoɔ

1 Afei, mebisa Onyankopɔn ato ne ɔman atwene anaa? Dabi. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusua mu. 2 Onyankopɔn ampo ne nkurɔfoɔ a ɔyii wɔn ahyɛaseɛ no. Monim deɛ Atwerɛsɛm no ka fa Elia sɛdeɛ ɔkasa tiaa Israelfoɔ Onyankopɔn anim , 3 "Awurade, wɔakum wʼadiyifoɔ na wɔadwiri wʼafɔrebukyia, na me nko na maka a wɔpɛ wɔkum me." 4 Mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kaa , "Mewɔ nnipa mpemnson a wɔnsom ɔbosom Baal." 5 Saa ara nso na ɛte ɛnnɛ. Nnipa kakra bi a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. 6 Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo.

7 Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma 8 sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka ,

"Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ,

ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ

aso a ɛmma wɔnnte asɛm,

de bɛsi ɛnnɛ."

9 Na Dawid ka ,

"Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn afidie

na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!

10 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ;

na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ."

11 Afei, mebisa , ɛberɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu. 12 Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no de nnepa brɛɛ ewiase na wɔn honhom mu hia a wɔdiiɛ no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufoɔ. Na ɛba Yudafoɔ no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmorosoɔ bɛn na ɛremma?

13 Afei, merekasa akyerɛ mo amanamanmufoɔ: Esiane meyɛ amanamanmufoɔ somafoɔ enti, mehoahoa me ho adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho. 14 ɛbɛtumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no kɔn adɔ deɛ mo amanamanmufoɔ nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa. 15 Na wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne ewiasefoɔ aka abom a, ɛnneɛ, gye a Onyankopɔn bɛgye wɔn no de ɛdeɛn na ɛbɛba? Ɛde nkwa bɛbrɛ awufoɔ. 16 wɔde burodo sin ma Onyankopɔn a, ɛnneɛ na ne mu nyinaa ne dea. Saa ara nso na dua no nhini kronkron a, ne mman no nyinaa nso kronkron.

17 Wɔapempan ngo dua a wɔahyɛda adua no mman no bi agu, na wɔde ngo dua a wɔanhyɛda annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufoɔ no te ngo dua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei deɛ, mo ne Yudafoɔ no nyinaa anya Onyankopɔn adom a wɔde adom wɔn no bi. 18 Nanso monhwɛ yie na moanhoahoa mo ho wɔde mo asi mman a wɔapempan no ananmu. Monkae moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ nhini. 19 Na mobɛka , "Ɛyɛ, wɔbubuu mman no wɔmfa me nsi wɔn ananmu." 20 Aane, nanso monkae wɔpempan saa mman a ɛyɛ Yudafoɔ no, ɛfiri wɔannye Onyankopɔn anni, na mogye di enti na mowɔ . Mommma mo ho so, na mmom monsuro deɛ ɛbɛtumi asie. 21 Na Onyankopɔn amfa Yudafoɔ a wɔte ngo dua pa mman no bɔne ankyɛre wɔn a, mosusu ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo?

22 Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam ma mo ɛberɛ a mode mo ho ato nʼayamyɛ so. Na moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpempan mo. 23 Na Yudafoɔ no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsane de wɔn ayɛ dua no mman bio. Ɔbɛtumi ayɛ saa. 24 Na Onyankopɔn pɛɛ ɔde mo a moyɛ wiram ngo dua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho, deɛ anka ɛmfa kwan mu a, ɛnneɛ ɔbɛpɛ no mmorosoɔ ɔde Yudafoɔ no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa dea no ho.

Onyankopɔn Ahummɔborɔ Ma Obiara

25 Me nuanom, ahintasɛm bi a mepɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa. 26 Enti Israelfoɔ nyinaa bɛnya nkwagyeɛ. Mokae deɛ adiyifoɔ no kaa yei ho?

"Agyenkwa no bɛfiri Sion aba,

na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu.

27 Na mɛdi apam a me ne wɔn ayɛ no so

na mapepa wɔn bɔne."

28 Yudafoɔ no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfoɔ. Na mo, amanamanmufoɔ anya ho mfasoɔ, ɛfiri Onyankopɔn de nʼakyɛdeɛ no ama mo. Nanso, Yudafoɔ ne ɔman a wapa wɔn ara, ɛsiane ɛbɔ a wahyɛ wɔn nananom enti, 29 ɛfiri Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ no, wɔnsesa. 30 Na mo amanamanmufoɔ deɛ, ɛberɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafoɔ no poo nʼahummɔborɔ no enti Onyankopɔn hunuu mo mmɔbɔ mmom. 31 Saa ara nso na ɛsiane adom a moanya no enti, seesei, Yudafoɔ no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyire no wɔn nso bɛnya Onyankopɔn adom no. 32 Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛdeɛ ɔbɛyɛ adom ama obiara.

Awieeɛ

33 Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu !

Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ,

na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam.

34 "Hwan na ɔnim Awurade adwene

anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?"

35 "Hwan na wama Onyankopɔn biribi kane

a ɛsɛ Onyankopɔn tua no so ka?"

36 Ɛfiri , adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio.

Ɔno na animuonyam no daa daa. Amen.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-