Publicidade

Romanos 5

Asomdwoeɛ Ne Anigyeɛ

1 Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ. 2 Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye anidasoɔ mu yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam. 3 Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri , yɛnim ɔhaw de boasetɔ ba, 4 na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba. 5 Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri , Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne agu yɛn akoma mu.

6 Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ. 7 Na ɛbɛyɛ den obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no. 8 Nanso, Onyankopɔn da ne adi yei mu ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.

9 Esiane wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu. 10 Na ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa. 11 Ɛnyɛ yei nko, mmom yɛnam AWURADE Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no gye yɛn ani Onyankopɔn mu.

Adam Owuo Farebae, Kristo Nkwa Farebae

12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa ewiase, na ne bɔne no de owuo baeɛ. Ɛno enti owuo trɛ baa nnipa nyinaa so, ɛfiri , wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.

13 Na bɔne ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso, mmara nni a, wɔmmu bɔne ho akonta. 14 Nanso, ɛfiri Adam ɛberɛ so kɔsi Mose ɛberɛ so no, owuo dii nnipa nyinaa so kɔsii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne, sɛdeɛ Adam deɛ ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɛkwan bi so no, Adam Kristo, deɛ na ɔrebɛba no, sɛso.

15 Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ , ɛfiri , Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ ɛsiane saa onipa baako no bɔne enti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno enti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. 16 Bio, Onyankopɔn akyɛdeɛ no nte nsunsuansoɔ a ɛfiri onipa baako bɔne mu baeɛ no. Atemmuo no nam bɔne baako so de afɔbuo baeɛ, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛdeɛ no de bembuo baeɛ. 17 ɛnam onipa baako bɔne so ɛna owuo dii ɔhene a, ɛnneɛ wɔn a wɔnya adom mmorosoɔ ne tenenee akyɛdeɛ no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bɛdi hene nkwa mu.

18 Enti sɛdeɛ onipa baako bɔne a ɔyɛeɛ no ma wɔbuu nnipa nyinaa no, saa ara nso na tenenee adeyɛ baako maa wɔbuu nnipa nyinaa bem, na yɛnyaa nkwa. 19 Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ.

20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodoɔ a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, 21 enti sɛdeɛ bɔne di nnipa so de wɔn owuo mu no, saa ara na adom no nam tenenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn AWURADE mu bɛba.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-