35 Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa? 36 Dabi! Wɔatwerɛ sɛ,
"Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;
wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn."
37 Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.