Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 30

Aduhwam Afɔrebukyia

1 "Fa okuo afɔrebukyia ketewa bi a wobɛhye aduhwam so. 2 Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn mmiɛnsa a wɔasene mmɛn a ɛfiri dua a wɔde yɛɛ afɔrebukyia no ara mu ama ɛtuatua ho. Ɛnsɛ ɛyɛ mmɛn a wɔsene firi baabi bɛtuatuaa ho. 3 Fa sikakɔkɔɔ kata ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ ntotoano twa afɔrebukyia no ho nyinaa hyia. 4 Fa sikakɔkɔɔ nkawa mmienu bobɔ afɔrebukyia no afanu no nkyɛn mu ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu. 5 Wɔmfa okuo na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa. 6 Fa afɔrebukyia no si ntwamutam no akyi mpata beaeɛ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no no ho ban. Mɛhyia mo .

7 "Ɛda biara anɔpa, Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhye aduhwam afɔrebukyia no so. 8 Anwummerɛ biara, ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhye aduhwam Awurade anim. Yei bɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. 9 Monhye aduhwam a wɔama ho ɛkwan afɔrebukyia no so. Mommmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ so, na mommfa ahwiesa ngu so. 10 Afe biara, ɛsɛ Aaron dwira afɔrebukyia no ho no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a ɛtuatua ho no so mpatadeɛ. Ɛsɛ afe biara wɔte afɔrebukyia no ho no kronkron firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so, ɛfiri , ɛyɛ Awurade afɔrebukyia kronkron."

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 12 "Ɛberɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne mpatadeɛ mmrɛ Awurade mma ne kra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so. 13 Ɛsɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbena fa, a emu duru gram nsia (sɛdeɛ kronkronbea mu dwetɛbena boɔ teɛ no). 14 Obiara a wadi mfeɛ aduonu rekorɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔdeɛ yi. 15 Ɛnsɛ adefoɔ ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato no so. Ɛnsɛ ahiafoɔ nso ma deɛ ɛsua sene saa, ɛfiri , ɛyɛ Awurade afɔdeɛ a ɔde rete yɛn ho ama yɛn. 16 Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no. moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfoɔ so, na ayɛ mpatadeɛ nso ama mo."

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose . 18 "Fa kɔbere atam a ne nnyinasoɔ nso kɔbere. Fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na fa nsuo gu mu. 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mmammarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho 20 ɛberɛ a wɔrekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ nso wɔrekɔ akɔbɔ afɔdeɛ afɔrebukyia no so ama Awurade no. Ɛberɛ biara a wɔrekɔdi saa dwuma yi no, ɛsɛ wɔhohoro wɔn ho; anyɛ saa a, wɔbɛwuwu. 21 Yei ne mmara a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so no."

22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 23 "Hwehwɛ nnuhwam papa kurobo, kilogram nsia, sinamon kilogram mmiɛnsa ne mmɛtire hwamhwam kilogram mmiɛnsa. 24 Kurobo dodoɔ a mobɛfa no nyɛ sinamon no dodoɔ na momfa ngo dua mu ngo lita ɛnan. 25 Awurade ahyɛ nnuhwamfrafoɔ a wɔaben yie, wɔmfra saa nnuhwam yi ma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde te onipa ho. 26 Awurade kaa , momfa yei nte Ahyiaeɛ Ntomadan ne Apam Adaka, 27 ne ɛpono ne ɛho nkyɛnsee ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ho. 28 Saa ara nso na momfa nte afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma ne atam ne deɛ ɛsi mu no ho. 29 Monte ho na ɛnyɛ kronkron; biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi ho bɛte.

30 "Momfa nsra Aaron ne ne mmammarima ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛte na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma ama me. 31 Na monka nkyerɛ Israelfoɔ , Yei ne me srango kronkron. 32 Ɛnsɛ wɔhwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ mo ara ankasa nso moyɛ bi, ɛfiri , ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ mo nso moyɛ no kronkron. 33 Obiara a ɔbɛfra aduhwam a ɛte no anaa ɔbɛhwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ so no, wɔbɛtwa no asuo.’ "

34 Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhwam no ho maa Mose , "Fa nnuhwam aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwamhwam ne ohwamfufuo gyenegyene na wɔnsusu ne nyinaa mu duru ma ɛnyɛ , 35 na fa aduhwam a wɔhyeɛ a aduhwamfrani a waben no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhwam kronkron. 36 Monyam bi ma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim baabi a mɛhyia mo Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no. Saa aduhwam yi ne deɛ ɛyɛ kronkron koraa ne nyinaa mu. 37 Monnyɛ bi mfa, ɛfiri , wɔakora ama Awurade enti, ɛsɛ mohunu ɛyɛ kronkron. 38 Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wɔbɛtwa no asuo."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também