Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 9

Nyɛmmoa Wuo

1 Awurade hyɛɛ Mose , "Sane Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no , Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn no wobɛma ne nkurɔfoɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama no." 2 wampene a, 3 Awurade tumi mu ɔyaredɔm bɛba abɛkum mo apɔnkɔ, mo mfunumu, mo nyoma, mo anantwie, mo nnwan ne mo mpɔnkye nyinaa. 4 Nanso, Awurade de nsonsonoeɛ bɛto Israelfoɔ mmoa ne Misraimfoɔ mmoa ntam. Israelfoɔ mmoa deɛ, ɔbaako mpo renwu.

5 Awurade ahyɛ ɛberɛ pɔtee a ɔde ɔyaredɔm no bɛba. Ɔkaa adeɛ kye a, ɔbɛma ɔyaredɔm no aba asase no so. 6 Na ɛbaa saa. Adeɛ kyeeɛ no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no hyɛɛ aseɛ wuwuiɛ, nanso Israelman mu deɛ, ayɛmmoa baako mpo koraa anyare. 7 Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa anaa. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ Israelfoɔ nyɛmmoa baako mpo koraa anwu nanso, nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.

8 Enti, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron , "Monkɔsa nso mfiri fononoo mu, na Mose nto mpete ewiem Farao anim. 9 Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa mfuturo ama mpɔmpɔnini asisi nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa."

10 Enti, wɔkɔsaa nso firii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose to petee ewiem na ɛdanee mpɔmpɔnini sisii nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. 11 Ɛbaa saa no, nkonyaayifoɔ no antumi ne Mose anni asie, ɛfiri , na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. 12 Nanso, Farao pirim nʼakoma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

Asukɔtweaa

13 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Sɔre Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no , Hebrifoɔ Awurade Onyankopɔn no se, ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. 14 Afei deɛ, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa ahunu , Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. 15 mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bɛkum mo nyinaa. 16 Nanso manyɛ no saa, ɛfiri , na mepɛ meda me tumi adi ewiase afanan nyinaa. 17 Woayɛ kyɛnkyerɛnn me nkurɔfoɔ so a ɛno enti, womma wɔnkɔ. 18 Ɔkyena saa ɛberɛ yi ara mu, mɛma asukɔtweaa a ano den a ebi ntɔɔ Misraiman mu da atɔ. 19 Ntɛm! Monka mo anantwie a mode wɔn adidi no mmra efie. Ɛfiri , asukɔtweaa no bɛkum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wiram no nyinaa."

20 Misraimfoɔ a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ nyinaa baa efie. 21 Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkaeɛ no gyaa wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ wiram maa asukɔtweaa no kaa wɔn.

22 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro na ma ampariboɔ no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraiman nyinaa so." 23 Enti, Mose de ne nsa kyerɛɛ ewiem maa Awurade maa ayerɛmo ne aprannaa dwidwaeɛ. 24 Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yie. Ɛfiri , ɛberɛ a wɔkyekyeree Misraim kɔsi saa ɛberɛ no, na aprannaa mpaapae saa da. 25 Misraiman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wiram, ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwuiɛ. Nnua nso bubuiɛ maa afudeɛ sɛeɛ. 26 Baabi a ampariboɔ no antɔ ɔman no mu no Gosen asase so a na Israelfoɔ no te .

27 Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn , "Afei deɛ, mahunu me mfomsoɔ. Awurade di bem na me ne me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ama atra so. 28 Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne ampariboɔ dodoɔ yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so."

29 Mose kaa , "mefiri kuropɔn yi mu ara a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpaeɛ na aprannaa no ne ampariboɔ no agyae. Yei bɛma mo ahunu Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. 30 Nanso, menim yie wo ne wo mpanimfoɔ deɛ, yeinom nyinaa akyiri no, mobɛpirim mo akoma."

31 Aprannaa no sɛee wɔn ayuo ne wɔn asaawa a na ɛreso aba no nyinaa. 32 Nanso, atokoɔ ne aburoo deɛ, ansɛe, ɛfiri , na ɛmfifiriɛ.

33 Enti Mose firii Farao anim kuro no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne asukɔtweaa no ne osuo no gyaee . 34 Farao ne ne mpanimfoɔ hunuu biribiara ayɛ yie no, wɔkɔɔ so pirim wɔn akoma yɛɛ bɔne de buu ɛbɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so. 35 Enti, Farao amma nkurɔfoɔ no ankɔ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também