Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 32

Sika Nantwie Ba

1 Mose kyɛree bepɔ no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no , "Ntɛm, anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri , yɛnhunu baabi a Mose a ɔdii yɛn anim de yɛn firi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no."

2 Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn , "Monyiyi mo sika nsonkawa nyinaa mmra." 3 Wɔyiyii wɔn nsonkawa no maa Aaronmmaa ne mmarima ne mmarimaa ne mmaayewa nyinaa. 4 Aaron nanee sikakɔkɔɔ nsonkawa no de bɔɔ nantwie ba ohoni. Nnipa no nyinaa teaam , "Ao, Israel, yei ne mo anyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no."

5 Aaron hunuu nnipa no ani agye sika nantwie ba ohoni no ho no, ɔsii afɔrebukyia sii nantwie ba no anim kaa , "Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade." 6 Wɔsɔree anɔpahema firii aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ de maa nantwie ba ohoni no. Ɛno akyi, wɔtoo ɛpono kɛseɛ bi, didi nomee, goroo abosomgorɔ, yɛɛ ahuhudeɛ hodoɔ.

7 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "ntɛm na siane wo nkurɔfoɔ a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no nkyɛn, ɛfiri , wɔagu wɔn ho fi, 8 na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔayɛ sika nantwie ba a wɔsom no, asane abɔ afɔdeɛ nso ama no aka , Ao, Israel, yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.’ "

9 Awurade kaa , "Mahunu sɛdeɛ saa nnipa yi asoɔden na wɔsane adɔnyɛfoɔ fa. 10 Enti afei, mede mʼabufuhyeɛ bɛtɔre wɔn ase na mama wo Mose mmom ayɛ ɔman kɛseɛ."

11 Nanso, Mose srɛɛ Onyankopɔn ɔnnyɛ saa. Ɔkɔɔ so , "Awurade, adɛn enti na wo bo afu atia wo ara wo nkurɔfoɔ a wonam anwanwakwan ne wo tumi so yii wɔn firii Misraim asase so yi? 12 Wopɛ Misraimfoɔ no ka , Onyankopɔn daadaa wɔn wɔmmra bepɔ no so sɛdeɛ ɔbɛnya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afiri asase so?Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae adwene a woafa wode rebɛtia wo nkurɔfoɔ no. 13 Kae ɛbɔ a wohyɛɛ wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam , Mɛma mo asefoɔ adɔɔso ɛsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho yi nyinaa bɛma mo asefoɔ na wɔatena so afebɔɔ.’ " 14 Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.

15 Afei, Mose siane firii bepɔ no so baeɛ a ɔkura Mmaransɛm Edu no a wɔatwerɛ agu aboɔ apono mmienu akyi ne animu no. 16 Onyankopɔn no ankasa na ɔtwerɛɛ mmaransɛm no apono no so.

17 Ɛberɛ a Yosua tee nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose , "Ɛyɛ me wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!"

18 Ɛnna Mose nso buaa no , "Ɛnnyɛ nkonimdie mu anigyeɛ anaa, nkoguo na mmom, ɛyɛ nnwontoɔ."

19 Wɔbɛduruu atenaeɛ , Mose hunuu nantwie ba no ne asa a wɔresa. Enti, ɔde abufuhyeɛ too twerɛ apono no hwee fam ma ɛbubuu bepɔ no ase. 20 Ɔfaa nantwie ba no nanee no ogya mu na ɛdwoeɛ no, ɔyam no muhumuhu de guu nsuo mu maa nnipa no nomeeɛ.

21 Afei, ɔbisaa Aaron , "Ɛdeɛn nko ara na nnipa no ka kyerɛɛ wo a enti ɛnam so maa wode saa bɔne kɛseɛ yi baa wɔn so?"

22 Aaron buaa no , "Mma wo bo mfu. Wo ara wonim sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ yi nnipa bɔne fa. 23 Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me , onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn ɛkwan na biribi ayɛ saa Mose a ɔdii yɛn anim firii Misraim no.24 Enti, me nso mekaa , Monyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkawa mma me.Wɔyiyi de maa me na mede guu ogya mu. Ɛne saa nantwie ba no."

25 Mose hunuu Aaron ama nnipa no adane adwamammɔfoɔ ama wɔn atamfoɔ anya wɔn no, 26 ɔgyinaa wɔn atenaeɛ ɛpono no ano teaam , "Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn." Lewifoɔ no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn.

27 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Awurade Israel Onyankopɔn se, Momfa mo akofena nhyehyɛ mo ho na monni mo atenaeɛ akɔneaba, na monkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ.’ " 28 Enti, wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ ɛda no. 29 Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifoɔ no , "Ɛnnɛ, moatu mo ho akyɛ mobɛsom Awurade, ɛfiri , moayɛ ɔsetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti ɔbɛhyira mo bebree."

30 Adeɛ kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no , "Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsane akɔ Awurade nkyɛn bepɔ no so akɔhwɛ ebia, mɛnya bɔnefakyɛ ama mo anaa."

31 Enti, Mose sane kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame. 32 Enti, meredi ama wɔn , fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ɛnte saa nso a, pepa me din firi nwoma a woatwerɛ no mu."

33 Awurade buaa Mose , "Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afiri me nwoma mu. 34 Enti afei, na di nkurɔfoɔ no anim beaeɛ a mekyerɛɛ woɔ no na mehyɛ wo , mɛma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim; nanso mebɛsra nkurɔfoɔ no a, mɛtwe wɔn aso wɔn bɔne no ho."

35 Na ɛsiane nnipa no somm Aaron nantwie ba no enti, ɔtee yadeɛ guu wɔn so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também