Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 39

Asɔfotadeɛ

1 Nnipa no de ntoma tuntum, bibire ne koogyan a ɛyɛ pam asɔfotadeɛ maa asɔfoɔ no a wɔde bɛsom kronkronbea . Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntadeɛ kronkron no sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.

2 Wɔde asaawatam bi a wɔanwono afiri asaawa a wɔafira mu na wɔpam asɔfotadeɛ nkataseɛ no. 3 Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa, ɛnna ɔtwitwaa no nteawanteawa ahoma na ɔde bobɔɔ ntoma tuntum, bibire ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔ yie. 4 Wɔde nhoma a wɔapam sosɔɔ nkataseɛ no mu firi aseɛ bɛsii mmati nhoma mmienu no mu. 5 Ɛnna wɔde abɔwomu no yɛɛ ntoma korɔ no ara bi. Na ɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.

6 Apopobibirieboɔ mmienu a wɔtwa de fomfamm mmati nhoma mmienu no a ɛsɔ asɔfotadeɛ no nkataseɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ twerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no nyinaa din guu so sɛdeɛ wɔtwerɛ nsateaa so kawa so no. 7 Saa aboɔdemmoɔ yi sisi asɔfotadeɛ no mmati so, na ɛyɛ nkaedeɛ de ma Awurade fa Israelfoɔ ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔnyɛ no no ara .

8 Adaaboɔ no, wɔpamm no te asɔfotadeɛ a wɔde nwera amapa yɛeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ahoma ne asaawa tuntum, bibire ne koogyan anwene mu. 9 Ɛyɛ ntomasini bi a wɔatwa no ahinanan na ɛfa biara susu nsateakwaa nkron a wɔapam afam so ama ayɛ kotokuo 10 a aboɔdemmoɔ a wɔde asesa so nsesasoɔ nsesasoɔ ɛnan mu. Nsesasoɔ a ɛdi ɛkan no bogyanamboɔ, akarateboɔ ne ahahammonoboɔ. 11 Nsesasoɔ a ɛtɔ so mmienu no nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ. 12 Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ 13 ɛnna deɛ ɛtɔ so ɛnan no sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ a emu biara wɔde sikakɔkɔɔ atwa ho ahyia. 14 Wɔyɛɛ aboɔdemmoɔ no te nsɔanodeɛ bi twerɛɛ Israel mmusuakuo dumienu no din guu so.

15 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de adaaboɔ no asɔ asɔfotadeɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkawa hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ mmienu no so. 16 Wɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwɛtwɛaso soro. 17 Wɔde sikakɔkɔɔ nhoma mmienu no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa a ɛwɔ adaaboɔ no mu no. 18 Wɔbɛkyekyere nhoma mmienu no ti de abobɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu. 19 Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu nso hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so a ɛgu asɔfotadeɛ no so pɛɛ. 20 Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu sosɔɔ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ no mu ma ɛbɛnee abɔwomu a wɔanwono no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotadeɛ no ahyiaeɛ so. 21 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na adaaboɔ no bɛgyina pɛpɛɛpɛ abɔwomu fɛfɛ no so enti, wɔde ntoma tuntum kyekyeree nkawa a ɛsosɔ adaaboɔ no ne asɔfotadeɛ no mu. Yeinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose wɔnyɛ.

22 Asɔfotadeɛ no fa kɛseɛ no ara deɛ, wɔde ntoma tuntum na ɛnwonoeɛ 23 na wɔtwaa mfimfini tokuro pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete. 24 Na wɔde bibire ne ateaa a ɛberedum ne koogyan a wɔafira yɛɛ biribi te ateaa aba de sensɛnee batakari no ase mmuano no ano. 25 Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te ateaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiaeɛ. 26 Aaron hyɛ asɔfotadeɛ yi a wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba agu ano a, na ɛkyerɛ ɔrekɔsom Awurade sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose ɔnyɛ no.

27 Wɔde asaawatam a ɛyɛ pam asɔfotadeɛ no bi maa Aaron ne ne mmammarima. 28 Wɔde ntoma a ɛyɛ na ɛpam adaaboɔ, abotire, ɛkyɛ ne nhyɛasetam ahodoɔ no. 29 Bio, wɔde ntoma a ɛyɛ na ɛpam abɔwomu no na wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan dii mu adwini sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose ɔnyɛ no.

30 Na afei, wɔboroo sikakɔkɔɔ amapa ma ɛyɛɛ trawa prɛte a wɔatwerɛ so:

Kronkron Ma Awurade.

31 Wɔde ntoma tuntum na asina abɔnimu no abɔ abotire no mu sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no.

32 Yei nyinaa akyi, wɔwiee Ahyiaeɛ Ntomadan no si sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose wɔnsi no no. 33 Afei, wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose:

Nkyerewa, nnyinasoɔ, mmeamu nnua, mpunan ne nsisisoɔ;

34 nnwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, nsɛnanotam,

35 adaka no a Mmaransɛm Edu no mu ne nnua a wɔde soa Mpata Dwa no;

36 Ɛpono no ne ɛho nneɛma ne Hyiadan mu Burodo;

37 Sika nkaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo

38 Sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, srango, aduhwam ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nsɛnanotam;

39 Kɔbere afɔrebukyia, kɔbere otwidadeɛ, nnua no ne ɛho nneɛma,

deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu;

40 ntwahotam a wɔde twa adihɔ ɔfasuo ho, ne ɛho nnua a ɛsosɔ mu,

nnyinasodeɛ ne ntwahotam a ɛwɔ adihɔ ɛpono ano,

ntampehoma ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sie.

41 Wɔde asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kronkronbea no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.

42 Enti, Israelfoɔ no dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so. 43 Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa hunuu biribiara ntɔ kyema ho no, ɔhyiraa wɔn, ɛfiri , sɛdeɛ Awurade kaeɛ no ara na wɔyɛeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também