Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 8

Mpɔtorɔ Bebree Ba

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Farao bio na kɔka kyerɛ no , Awurade se, Ma me nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔsom me. 2 woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma. 3 Wɔbɛyɛ Asubɔnten Nil ma, na wɔabɛhyɛ mo afie ma ma, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforɔ akɔ mo mpa so. 4 Mpɔtorɔ bɛhyɛ efie biara a ɛwɔ Misraim no mu ma. Wɔbɛhyɛ mo fononoo ne deɛ mode fɔtɔ asikyiresiam gu mu nyinaa ma ma. Na mpɔtorɔ no bɛbu afa mo so.’ "

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa poma no nkyerɛ nsubɔntene, nsuwa ne atadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bɛbu so ɔman no afanan nyinaa."

6 Aaron yɛɛ saa maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma . 7 Nanso, nkonyaayifoɔ no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.

8 Afei, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron , "Monkɔsrɛ Awurade na ɔnyi mpɔtorɔ no mfiri asase yi so, na mɛma mo nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔakɔbɔ no afɔdeɛ."

9 Mose nso ka kyerɛɛ no , "Kyerɛ me ɛberɛ ko a wopɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpaeɛ ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu baabiara ɛberɛ a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara."

10 Farao kaa , "Monyɛ no ɔkyena nko ara."

Mose buaa , "Mate, ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no na ama woahunu obiara nni Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nko ara. 11 Mpɔtorɔ no nyinaa bɛwuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no."

12 Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ. Mose kɔsrɛɛ Awurade ɔnyi mponkyerɛne a ɔde wɔn abɛgu Farao so no. 13 Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mponkyerɛne wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afie mu ma . 14 Wɔboaboaa mponkyerɛne a wɔawuwuo no ano akuo akɛseakɛseɛ maa ɔman no mu bɔn yie. 15 Nanso, Farao hunuu mponkyerɛne no no, ɔsane pirim nʼakoma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛdeɛ Awurade aka ato no.

Mfuturo Dane Ntontom

16 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no mmɔ mfuturo na ɛbɛdane ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma ." 17 Enti, Mose ne Aaron yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma . 18 Nkonyaayifoɔ no pɛɛ wɔn nso de wɔn nyankomadeɛ saa ara, nanso wɔantumi. 19 Nkonyaayifoɔ no kyerɛɛ Farao , "Yei deɛ, Onyankopɔn nsa mu." Nanso, Farao pirim nʼakoma enti wantie wɔn sɛdeɛ Awurade aka ato no.

Nwansena Ba Manyamanya

20 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Sɔre anɔpatutuutu kɔhyia Farao na ɔrebɛdware asubɔnten no mu a, woaka akyerɛ no , Awurade se: Ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. 21 Na wantie a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afie mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.

22 " Na nsonsonoeɛ kɛseɛ bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfoɔ no te so no ntam, ɛfiri , nwansena biara renkɔ . Na ɛbɛma woahunu , me Awurade mewɔ tumi Misraim asase yi so. 23 Na mɛma wo nkurɔfoɔ ho ada nso afiri me nkurɔfoɔ ho. Ɔkyena nko ara nsɛm a maka yi nyinaa bɛba mu.’ "

24 Awurade yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, enti nwansena bɛbu faa ɔman no so maa ebi kɔhyɛɛ Farao ahemfie ne Misraim afie nyinaa mu ma .

25 Farao hunuu saa no, ntɛm ara, ɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn , "Ɛyɛ, monkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Onyankopɔn, nanso mommɔ saa afɔdeɛ no ɔman yi ara mu. Monnkɔ ɛserɛ so."

26 Nanso Mose kaa , "Saa deɛ, ɛrenyɛ yie. Yɛn afɔdeɛ a yɛbɔ ma Awurade yɛn Onyankopɔn no Misraimfoɔ akyiwadeɛ, enti yɛbɔ saa afɔdeɛ no ha a, wɔbɛkum yɛn. 27 Ɛsɛ yɛtu nnansa ɛkwan ɛserɛ so, na yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma Awurade, yɛn Onyankopɔn, sɛdeɛ wakyerɛ yɛn yɛnyɛ no."

28 Farao kaa , "Ɛyɛ, mɛma mo ɛkwan akɔ ɛserɛ so akɔbɔ afɔdeɛ, na mmom, monnkɔ akyiri. Monka mo ho na monkɔkoto nsrɛ Awurade, mo Onyankopɔn mma me."

29 Mose kaa , "me firi ha a, mɛbɔ Awurade mpaeɛ na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre wo, wo mpanimfoɔ ne wo nkurɔfoɔ mu. Nanso, merebɔ wo kɔkɔ , hwɛ na woanhyɛ wobɛma nnipa no akɔ na akyire yi, woasesa wʼadwene."

30 Enti, Mose firii Farao nkyɛn kɔsrɛɛ Awurade , ɔntɔre nwansena no nyinaa ase. 31 Na Awurade yɛɛ Mose abisadeɛ no, tɔree nwansena no nyinaa ase. 32 Nanso, Farao sane pirim nʼakoma, enti wamma nnipa no ankɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também