Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 5

Mose Ne Aaron Farao Anim

1 Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no wieeɛ no, wɔkɔhunuu Farao. Wɔka kyerɛɛ no , "Awurade, Israel Onyankopɔn se yɛmmɛka asɛm bi nkyerɛ wo. Ɔse, Ma me nkurɔfoɔ mfiri ha nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afahyɛdwa kronkron mfa nsɔre me.’ "

2 Farao bisaa , "Ampa? Na hwan ne Awurade a ɛsɛ metie no na mema Israelfoɔ no ? Mennim Awurade biara enti meremma Israelfoɔ no nkɔ."

3 Nanso, Aaron ne Mose tii mu bio , "Hebri Onyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ yɛtu nnansa ɛkwan ɛserɛ so kɔbɔ afɔdeɛ de ma Awurade, yɛn Onyankopɔn. Na yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa sekan ano na yɛbɛwuwuo."

4 Farao bisaa , "Mose ne Aaron, adɛn enti na morema nkurɔfoɔ no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!" 5 Farao toaa so , "Seesei, saa nnipa no dɔɔso sene ɔmanfoɔ no, nanso mopɛ moma ahɔhoɔ no gyae adwumayɛ."

6 Ɛda no ara, Farao somaa nnipa maa wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfoɔ no so no , 7 "Mommma nnipa no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkɔtwa ɛserɛ no. 8 Afei, ntayaa dodoɔ a wɔtwa no nso, monnte so baako koraa, ɛfiri , asɛm a wɔaka no da no adi pefee , wɔyɛ akwadwofoɔ enti na wɔreka wɔrekɔ ɛserɛ so akɔbɔ wɔn Awurade afɔdeɛ no. 9 Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankɔtie atosɛm biara."

10 Enti, adwumasohwɛfoɔ ne wɔn akwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ Hebrifoɔ no , "Farao aka akyerɛ yɛn yɛmmma mo ɛserɛ bio. 11 Mo ara monkɔkyini nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a motwa no, montwa dodoɔ saa ara." 12 Enti, Hebrifoɔ kyinkyinii Misraim asase so nyinaa wɔrekɔhwehwɛ ɛserɛ no bi. 13 Adwumasohwɛfoɔ no hyɛɛ wɔn atirimuɔden so , "Montwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na motwa no." 14 Afei, Misraimfoɔ adwumasohwɛfoɔ no kaa Hebrifoɔ mpanimfoɔ a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano akwankyerɛfoɔ no mmaa, bisaa wɔn , "Adɛn enti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ montwa no nnora ne ɛnnɛ no nyinaa sɛdeɛ na moyɛ kane no?"

15 Mpanimfoɔ yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no , "Yɛsrɛ wo, nha yɛn saa, 16 ɛfiri , wɔmma yɛn ɛserɛ nso wɔhyɛ yɛn yɛntwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na yɛtwa no. Wɔka yɛn mmaa ɛberɛ a yɛnyɛɛ mfomsoɔ biara. Mfomsoɔ no mfiri yɛn. Ɛfiri adwumasohwɛfoɔ no, ɛfiri , wɔhyɛ yɛn yɛnyɛ adwuma a ɛboro yɛn ahoɔden so."

17 Nanso, Farao buaa , "Monni dwuma bi di, na mowɔ dwuma bi di a, anka morenka , Momma yɛnkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade.18 Monsane nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo ɛserɛ, nanso ntayaa dodoɔ a motwa no daa no, saa ara na mobɛtwa."

19 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ a wɔdi adwuma no anim akwankyerɛfoɔ no ɛsɛ wɔtwa ntayaa no dodoɔ sɛdeɛ wɔyɛ daa no, wɔhunuu ahokyere aba. 20 Ɛberɛ a wɔfiri Farao anim baeɛ a wɔhunuu Mose ne Aaron retwɛn wɔn ahemfie no ho no, 21 wɔka kyerɛɛ wɔn , "Awurade mmu mo atɛn moama Farao ne ne nkurɔfoɔ anya yɛn ho menasepɔ, na enti wama wɔn ɛkwan wɔnkum yɛn."

22 Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Awurade, adɛn enti na woma wo manfoɔ brɛ saa? wonim wobɛyɛ wɔn saa a, adɛn enti na wosomaa me? 23 Ɛfiri ɛberɛ a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wonnyee wɔn ɛkwan biara so!"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também