Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Mose (Ɛksodɔs) 31

Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu 3 de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 4 Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ. 5 Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 6 Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu ɔnyɛ ne ɔboafoɔ.

"Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn wɔnni no:

7 "ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan,

ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea;

ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ,

8 ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma;

ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma;

ɛyɛ ohwam afɔrebukyia;

9 ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma;

ɛyɛ kuduo ne ne nnyinasoɔ;

10 ɛyɛ ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron fɛfɛ no

ne ne mma ntadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi adi asɔfoɔ;

11 anaasɛ ɔsra ngo no ne kronkronbea aduhwam.

"Ɛsɛ wɔfa ɛkwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ yeinom nyinaa."

12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 13 "Ka kyerɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no , ɛduru homeda a, wɔnhome, ɛfiri , saa homeda no na daa ɛkae apam a me ne mo apam no. Ɛboa mo ma mokae mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

14 " Monhome homeda no, ɛfiri , ɛyɛ ɛda kronkron. Obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Na deɛ ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no nso, wɔbɛkum no. 15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛkum no. 16 Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri , ɛda a ɛtɔ so nson no homeda kronkron ma Awurade. Saa mmara yi apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ daa ma Israelfoɔ. 17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfoɔ ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛfiri , nna nsia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛnna ɔhomee ɛda a ɛtɔ so nson no.’ "

18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose Sinai Bepɔ so wieeɛ no, ɔde aboɔ apono mmienu a ɔde ne nsa atwerɛ Mmaransɛm Edu no so no maa no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também