Pular para o conteúdo
Publicidade

Rute 3

Rut Ayuporobea

1 Ɛda bi Naomi ka kyerɛɛ Rut , "Me babaa, ɛberɛ aduru mehwehwɛ fie a wobɛtena mu na wobɛnya deɛ ɛhia wo biara. 2 Boas yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔeɛ mmorosoɔ wama wo ne nʼadwumayɛfoɔ aboaboa atokoɔ ano. Anadwo yi, ɔbɛhuhu atokoɔ so ayuporobea . 3 Enti, deɛ merekyerɛ wo yi. Dware na tutu aduhwam gu wo ho na fa wo ntadeɛ pa bi hyɛ. Afei, ayuporobea , nanso mma Boas nhunu wo kɔsi ɔbɛdidi awie. 4 Hwɛ na hunu baabi a ɔda yie, afei, na kɔyi ne nan ho akatasoɔ na da . Ɔbɛka deɛ ɔpɛ woyɛ akyerɛ wo."

5 Rut kaa , "Biribiara a wobɛka akyerɛ me menyɛ no, mɛyɛ." 6 Enti, ɔkɔɔ ayuporobea anadwo no, na ɔdii akwankyerɛ a nʼase de maa no no so.

7 Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa . 8 Anadwo dasuo mu no, Boas bɔɔ pitiri danee ne ho. Ɛyɛɛ no nwanwa ɔhunuu ɔbaa da ne nan ase.

9 Ɔbisaa , "Na hwan nie?"

Ɔbuaa , "Ɛyɛ me wo ɔsomfoɔ Rut. Trɛ3.9 Trɛ a obi trɛ nʼatadeɛ ano de gu ɔbaa so no kyerɛ awadeɛ ho banbɔ. wo nkatasoɔ no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefoɔ."

10 Na Boas kaa , "Awurade nhyira wo, me babaa! Worekyerɛ abusua a ebi mmaa da woankɔdi aberantewaa bi akyi, ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani. 11 Afei, me babaa, mma hwee nha wo. Mɛyɛ deɛ ɛho hia, ɛfiri , obiara a ɔwɔ kuro yi mu nim woyɛ ɔbaa a wodi wo ho ni. 12 Nanso, akwansideɛ baako . Ɛyɛ nokorɛ turodoo meyɛ mo abusua agyefoɔ mu baako deɛ, nanso, ɔbarima foforɔ bi a ɔyɛ obusuani nimpɔn sene me. 13 Tena ha anadwo yi na adeɛ kye a, me ne no bɛkasa. ɛyɛ ne ɔbɛgye wo a, ɛnneɛ ma ho kwan na ɔnware wo. Na ɛnyɛ ne nso a, ɛnneɛ, ɛkwan biara so, Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma adeɛ nkye."

14 Enti, Rut daa ne nan ho kɔsii adekyeeɛ nanso ɔsɔree ɛberɛ a na anim ayɛ hwanihwani no. Na Boas ka kyerɛɛ no , "Ɛnsɛ obi hunu ɔbaa bi bɛdaa ayuporeeɛ ha."

15 Boas toaa so kaa , "Fa wʼatadeɛ ngugusoɔ no bra na trɛ mu." Ɔsesaa atokoɔ no susukora nsia guu mu na ɔboaa no maa ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas sane kɔɔ kuro no mu.

16 Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, ɔbisaa no , "Me babaa, ɛkɔsii sɛn?"

Rut kaa biribiara a Boas maa no kyerɛɛ Naomi, 17 na ɔtoaa so , "Ɔmaa me atokoɔ susukora nsia kaa , Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’ "

18 Afei, Naomi kaa , "Me ba, twɛn kɔsi wobɛhunu deɛ ɛbɛsi. Ɔbarima no renna so kɔsi ɔbɛwie dwumadie no. Ɔbɛma asi ɛnnɛ dua yi ara."

Veja também

Rute
Ver todos os capítulos de Rute