Pular para o conteúdo
Publicidade

Sofonias 1

1 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.

Atemmuo A Ɛtia Yuda

2 "Mɛpra biribiara afiri asase so"

deɛ Awurade seɛ nie,

3 "Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;

mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem

ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa.

Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum nko ara

mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,"

deɛ Awurade seɛ nie.

4 "Mɛtene me nsa Yuda

ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;

na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka ha,

na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din

5 wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi,

de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem,

wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam

na wɔde Molek nso ka ntam,

6 wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie

na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase."

7 Monyɛ komm Asafo Awurade anim,

ɛfiri , Awurade ɛda no abɛn.

Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ;

wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

8 "Awurade afɔrebɔ ɛda no,

mɛtwe mmapɔmma

ne ahenemma

ne wɔn a wɔhyehyɛ

ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.

9 Saa ɛda no mɛtwe wɔn

a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso.

Wɔn a wɔde akakabensɛm

ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.

10 "Saa ɛda no,"

sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

"Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano,

agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ

na nnyegyeeɛ a ano den afiri nkokoɔ no so aba.

11 Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea no

wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase,

dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

12 Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu

na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso,

wɔn a wɔte bobesa puo no,

a wɔdwene , Awurade nnyɛ wɔn hwee

ɛyɛ papa anaa bɔne.

13 Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ,

na wɔabubu wɔn afie agu.

Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu

wɔbɛyɛ bobe mfuo

nanso wɔrennom emu nsã."

Awurade Ɛda Kɛseɛ No

14 Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,

abɛn na ɛreba ntɛm so.

Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,

ɔkofoɔ a ɔwɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.

15 Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,

ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;

ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,

ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda

ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,

16 ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam

a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ

ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.

17 "Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so

na wɔbɛnante anifirafoɔ,

ɛfiri wɔayɛ bɔne atia Awurade.

Wɔbɛhwie wɔn mogya agu mfuturo,

na wɔn ayamdeɛ nso atantanneɛ.

18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn nkwa

Awurade abufuo ɛda no."

Ne ninkuntwe mu ogya no

bɛhye ɔman no nyinaa,

na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa

aba awieeɛ mpofirim.

Veja também

Sofonias
Ver todos os capítulos de Sofonias