Publicidade

Tiago 3

Tɛkrɛma

1 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri , monim yɛn akyerɛkyerɛfoɔ deɛ yɛfom a, wɔbɛbu yɛn atɛn a emu den sene afoforɔ. 2 Yɛn nyinaa taa mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ deɛ ɔka mu no a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so.

3 Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛdeɛ ɔbɛtie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ ɔkɔ. 4 Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no ɛkɔ. 5 Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ. 6 Tɛkrɛma te ogya. Ɛwɔ tumi bɔne bi onipa akwaa mu. Ɛsɛe onipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so ogya ma ɛdɛre framfram.

7 Onipa tumi dwodwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa, 8 nanso obiara rentumi nnwodwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduro ahyɛ no ma.

9 Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so. 10 Ano korɔ no ara mu na nkamfo ne nnome firi ba. Me nuanom, ɛnsɛ ɛba saa. 11 Nsuo pa ne nsuo a ɛyɛ nkyenenkyene bɛtumi afiri asutire baako mu aba? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngo dua aba? Anaasɛ bobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara na asutire a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.

Nyansa A Ɛfiri Ɔsoro

13 Obi mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛaseɛ ne nyansa so da no adi. 14 Na mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkomenya mo akoma mu a, ɛnneɛ ɛnsɛ mohoahoa mo ho, na nam so ka nkontompo tia nokorɛ. 15 Saa nyansa yi mfiri ɔsoro na ɛbaeɛ. Ɛyɛ ewiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso. 16 Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkomenya no, basabasa ne bɔne ahodoɔ nyinaa bi .

17 Nanso, nyansa a ɛfiri ɔsoro no kronkron; asomdwoeɛ mu, ɛdwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔborɔ na nneyɛeɛ pa firi mu ba; ɛnnye akyinnyeɛ na ɛnyɛ nyaatwom nso. 18 Na ɛso aba pa a ɛfiri aba a asomdwoeɛfoɔ duaa no asomdwoeɛ mu no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-