Publicidade

Oséias 10

1 Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ;

ɔsoo aba maa ne ho.

Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no,

ɔsisii afɔrebukyia bebree;

nʼasase rekɔ so yie no

ɔsiesie nʼabosom dum kronkron no.

2 Nnaadaasɛm wɔn akoma mu,

enti ɛsɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe.

Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia,

na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.

3 Afei, wɔbɛka , "Yɛnni ɔhene,

ɛfiri , yɛamfa anidie amma Awurade.

Mpo na yɛwɔ ɔhene kora a,

ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?"

4 Wɔhyɛ ahodoɔ bebree,

Wɔka ntam hunu

na wɔyɛ apam ahodoɔ;

ɛno enti mansotwe sɔresɔre

te wira a borɔ mu

a afifiri asase a wɔafuntum so.

5 Nnipa a wɔte Samaria no suro ma

Bet Awen nantwie ba ohoni no.

Ne nkurɔfoɔ bɛsu.

Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ,

wɔn a wɔgyee wɔn ani nʼanimuonyam ho no.

Ɛfiri wɔafa no afiri wɔn nkyɛn nnommumfa mu.

6 Wɔde no bɛkɔ Asiria,

de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam.

Ɛbɛgu Efraim anim ase;

na Israel ani bɛwu ne nnua ahoni ho.

7 Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ

te dua sini a ɛtɛ nsuo ani.

8 Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne mu no.

Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri ,

na akata wɔn afɔrebukyia so.

Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ , "Mommɛkata yɛn so!"

na wase nkokoɔ , "Monnwiri ngu yɛn so!"

9 "Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel,

na ɛhɔ na woaka.

Na ɔko rentwi amfa

amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa?

10 Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;

aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.

Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔn bɔne dodoɔ ho.

11 Efraim nantwie ba a wɔayɛn no,

a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma,

enti mede kɔnnua

bɛto ne kɔn fɛfɛ mu.

Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan,

ɛsɛ Yuda funtum asase no,

na Yakob nso siesie so.

12 Dua tenenee aba ma wo ho,

twa ɔdɔ aba a ɛtena daa,

siesie wʼasase a wɔmfuntum so no;

na ɛberɛ aduru wohwehwɛ Awurade,

kɔsi ɔbɛba

abɛpete tenenee agu wo so.

13 Nanso, woadua atirimuɔden aba,

na woatwa aba bɔne.

Woadi nnaadaa aba.

Ɛfiri wode wo ho ato wʼahoɔden

ne wʼakodɔm bebrebe no so,

14 ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ,

na wʼaban nyinaa bɛsɛe,

sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,

da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no.

15 Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El,

ɛfiri wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso.

ɛda no duru a,

Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-