Publicidade

Tiago 5

Ahonya Ho Kɔkɔbɔ

1 Afei, mo adefoɔ nso montie! Monsu na montwa agyaadwoɔ amanehunu a ɛreba mo so ho. 2 Mo ahonya no aporɔ na nweweboa awe mo ntoma. 3 Mo sika ne mo dwetɛ awe nnaakye na saa nnaakye no bɛdi adanseɛ atia mo, na ahye mo honam ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ nna a ɛdi akyire no mu. 4 Nnipa a wɔyɛɛ adwuma mo mfuo mu no, montuaa wɔn ka enti wɔresi apinie. Na wɔn apinisie no aduru Onyankopɔn, Awurade Otumfoɔ no aso mu. 5 Mo asetena asase so ha afɛfɛdeɛ ne anigyeɛ. Moadodɔre sradeɛ ama okum da. 6 Moabu deɛ ɔnni kumfɔ akum no; ɔnsi mo ɛkwan.

Boasetɔ Ne Mpaeɛbɔ

7 Me nuanom, monto mo bo ase kɔsi Awurade bɛba. Monhwɛ sɛdeɛ okuafoɔ nya boasetɔ twɛn asusɔberɛ. 8 Ɛsɛ mo nso moto mo bo ase. Momma mo anidasoɔ mu nyɛ den ɛfiri , da a Awurade bɛba no abɛn. 9 Anuanom, monnni nsekuro ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono no ano.

10 Me nuanom, monkae adiyifoɔ a wɔde Awurade din kasaeɛ no. Momfa wɔn nhwɛsoɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wɔtumi de tenaa amanehunu mu no. 11 Yɛde anidie ma wɔn, ɛfiri , wɔnyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na monim deɛ Awurade de dom no awieeɛ no ɛfiri , Awurade ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.

12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, mohyɛ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. mopɛ moka "Aane" a, monka "Aane". nso mopɛ moka "Dabi" a, monka "Dabi" na mo amma Onyankopɔn atemmuo ase.

13 Mo mu bi ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ saa onipa no mpaeɛ. Mo mu bi ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ ɔto ayɛyie nnwom. 14 Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ saa onipa no frɛ asafo mpanimfoɔ na wɔde Awurade din mpaeɛ ma no na wɔsra no ngo. 15 wɔbɔ saa mpaeɛ no gyidie mu a, ɛbɛsa ɔyarefoɔ no yadeɛ, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no. 16 Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpaeɛ mma mo ho mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛsa mo yadeɛ. Onipa tenenee mpaeɛbɔ tumi nneɛma bebree.

17 Yɛte Elia a ɔbɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu osuo nntɔ, na ampa ara osuo antɔ asase no so mfeɛ mmiɛnsa ne fa. 18 Ɔsane bɔɔ mpaeɛ bio maa osuo tɔeɛ maa asase nyaa nnɔbaeɛ.

19 Me nuanom, mo mu bi dwane firi nokorɛ ho na ɔfoforɔ de no ba bio a, 20 Monkae , deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛfoɔ firi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa firi owuo mu ma wɔde ne bɔne dodoɔ no nyinaa kyɛ no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-