Publicidade

Tito 1

Nkyea

1 Nwoma yi firi Onyankopɔn ɔsomfoɔ ne Yesu Kristo somafoɔ Paulo nkyɛn. Wɔyii me na wɔsomaa me memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidie mu den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde nyamesuro ba, 2 a ne nnyinasoɔ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho ansa na ɔrefiri ewiase ase; 3 na ɛberɛ a ɛsɛ mu no, ɔdaa asɛm no a daa yɛka ho asɛm no adi. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa na wafrɛ me menyɛ adwuma a ɔde ahyɛ me nsa yi.

4 Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!

Asɛmpakafoɔ Yiedie

5 Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano. 6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7 Ɛnsɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri , Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ. 8 Ɛsɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ. 9 Ɛsɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi.

10 Nnipa pii a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu. 11 Ɛsɛ wosi wɔn nkyerɛkyerɛ no ano ɛfiri , wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de sika. 12 Mpo Kreta adiyifoɔ no mu baako kaa , "Kretafoɔ no atorofoɔ, mmoa atirimuɔdenfoɔ ne akwadwofoɔ adidifoɔ." 13 Na asɛm a ɔkaeɛ no nokorɛ. Esiane saa enti, ɛsɛ moka wɔn anim yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya gyidie pa, 14 na wɔantena ase amma twetiatwa atorɔsɛm ne nhyɛ a ɛfiri nnipa a wɔapo nokorɛ no. 15 Biribiara kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn no, nanso biribiara nyɛ kronn mma wɔn a wɔn ho agu fi na wɔnni gyidie, ɛfiri , wɔn adwene ne wɔn atiboa ho agu fi. 16 Wɔka wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛeɛ nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfoɔ a wɔntumi nyɛ ade pa biara.

Veja também

Tito
Ver todos os capítulos de Tito
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-