10 Milagres de Jesus na Bíblia: Lista com versículos e explicação
Os milagres de Jesus são muito mais do que demonstrações de poder sobrenatural; eles são sinais que confirmam sua divindade e missão. Ao longo dos Evangelhos, vemos Cristo curando enfermos, dominando a natureza e vencendo a morte.
Neste guia, selecionamos 10 milagres de Jesus na Bíblia, organizados com referências e uma breve explicação sobre o impacto espiritual de cada um deles.
Os principais milagres de Jesus nos Evangelhos
1. Transformação da Água em Vinho
Referência: João 2:1-11
Explicação: Ocorreu nas Bodas de Caná. Sendo o seu primeiro milagre público, Jesus demonstrou autoridade sobre a matéria e a natureza, revelando sua glória aos discípulos e abençoando a instituição da família.
Yesu Ma Nsuo Dane Nsa
Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu maame kɔɔ saa ayeforɔhyia no bi. Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nso kɔɔ hɔ bi. Wɔgu so regye wɔn ani no, ayeforɔ no ase nsã saeɛ maa Yesu maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, "Wɔn nsã a wɔrenom no asa."
Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ, "Ɛdeɛn na wopɛsɛ me yɛ, me berɛ nnya nnuruiɛ."
Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, "Biribiara a ɔbɛka sɛ monyɛ no, monyɛ."
Na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ; yeinom mu na na Yudafoɔ de nsuo gu de hohoro wɔn ho amanneɛ kwan so. Na suhina biara tumi fa nsuo galɔn aduasa.
Yesu ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, "Momfa nsuo nhyehyɛ nhina no ma ma." Wɔde nsuo hyɛɛ no ma ma.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monsa bi nkɔma onipa a ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no."
Deɛ ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no kaa nsuo no a adane nsã no hwɛeɛ. Na ɔnnim baabi a na nsã no firi, nanso na asomfoɔ no deɛ, wɔnim. Ɔfrɛɛ ayeforɔkunu no ka kyerɛɛ no sɛ, "Saa nsã yi yɛ nsã pa. Wonte sɛ afoforɔ a wɔaka no. Obiara a ɔto ɛpono de nsã pa di ɛkan ba wɔ nʼapontoɔ ase, na akyire yi, ɔde nsã a ɛnni mu aba. Nanso, wo deɛ, wode nsã pa no atwa toɔ!"
Saa nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɔyɛɛ wɔ badwam de kyerɛɛ sɛ ne tumi firi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.
2. Cura do cego de nascença
Referência: João 9:1-12
Explicação: Jesus usa lodo para curar um homem que nunca havia enxergado. Este milagre prova que Ele é a Luz do Mundo e tem poder para restaurar o que nasceu com defeito.
Yesu Sa Onifirani Bi Yadeɛ
Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani, Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?"
Yesu buaa sɛ, "Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma. Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no."
Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no ani so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim." Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ.
Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, "Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?"
Ebinom kaa sɛ, "Ɛyɛ ɔno," na afoforɔ nso kaa sɛ, "Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, sɛ na ɔsɛ no."
Aberanteɛ yi kaa sɛ, "Ɛyɛ me."
Nnipa no bisaa no sɛ, "Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?"
Ɔbuaa wɔn sɛ, "Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ pɛ na mehunuu adeɛ."
Wɔsane bisaa no bio sɛ, "Saa Yesu no wɔ he?"
Ɔbuaa wɔn sɛ, "Mennim."
3. Multiplicação dos pães e peixes
Referência: Mateus 14:13-21
Explicação: Com apenas cinco pães e dois peixes, Jesus alimentou mais de 5 mil homens. Este sinal revela Cristo como o Pão da Vida, aquele que supre todas as nossas necessidades.
Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane
Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni hɔ. Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ hɔ. Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.
Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, "Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni wɔ nkuro no bi so."
Yesu buaa wɔn sɛ, "Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!"
Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, "Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ."
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Momfa mmrɛ me." Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho.
4. Jesus acalma a tempestade
Referência: Marcos 4:35-41
Explicação: Com uma ordem, o vento e o mar se aquietam. O milagre ensina sobre a paz que excede o entendimento e a autoridade do Messias sobre a criação.
Yesu Brɛ Ahum Ase
Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa." Ɔkaa saa no, wɔgyaa nnipadɔm no wɔ hɔ, na ɔne wɔn kɔeɛ a akodoɔ foforɔ di wɔn akyi. Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?"
Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, "Yɛ dinn!" Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!
Yesu bisaa wɔn sɛ, "Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?"
Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, "Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?"
5. Cura da mulher com fluxo de sangue
Referência: Marcos 5:25-34
Explicação: Uma cura que aconteceu pelo toque da fé. Jesus mostra que está atento ao sofrimento individual e que a fé é o canal para receber o milagre.
Na ɔbaa bi a watu mogya mfirinhyia dumienu ka nnipakuo no ho. Ɔde ne yadeɛ no akyin ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. Na wate anwanwadeɛ a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno enti ɔde ne ho fraa nnipakuo no, firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Ɔdwenee ho kaa sɛ, "Sɛ metumi nya ne ho ɛkwan, de me nsa sɔ nʼatadeɛ mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me." Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu pɛ, na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no!
Amonom hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afiri ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuo no bisaa sɛ, "Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ mu no?"
Nʼasuafoɔ no buaa sɛ, "Saa nnipakuo a obiara de ne ho twitwiri ne yɔnko yi na worebisa sɛ, ‘Hwan na ɔde ne nsa aka mʼatadeɛ?’ "
Nanso, ɔpɛɛ sɛ ɔhunu onipa ko a ɔsɔɔ nʼatadeɛ mu no. Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu asɛm a asie no, ɔde ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe kaa deɛ ɔyɛeɛ no kyerɛɛ no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae."
6. Libertação do endemoninhado Gadareno
Referência: Marcos 5:1-20
Explicação: Jesus liberta um homem dominado por uma legião de espíritos. É a prova clara de sua autoridade absoluta sobre o reino das trevas.
Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yadeɛ
Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi wɔ Gerasefoɔ asase so. Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ hɔ. Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yie enti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusieeɛ hɔ mmepɔ no mu a, ɔde aboɔ a ano yɛ nam twitwa ne ho.
Ɔbarima yi hunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika, bɛbuu no nkotodwe. Ɔteateaam sɛ, "Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn no Ba, ɛdeɛn na wowɔ ne me yɛ? Mesrɛ wo, ɛnyɛ me ayayadeɛ biara!" Yesu tiaa honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no sɛ, "Honhommɔne, firi ne mu fi!"
Yesu bisaa no sɛ, "Wɔfrɛ wo sɛn?"
Ɔbuaa Yesu sɛ, "Me din de ‘Ɛdɔm’ ɛfiri sɛ, yɛdɔɔso." Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibereɛ so sɛ ɔmmpam wɔn nkɔ akyirikyiri.
Saa ɛberɛ no, na mprakokuo bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn baabi a ɛbɛn ɛpo no. Enti, ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, "Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu." Yesu maa wɔn ho ɛkwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.
Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no. Nnipakuo no duruu baabi a Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn. Wɔn a wɔhunuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforɔ, maa nnipakuo no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, na wɔn ho ntɔ wɔn!
Enti, ɔsane foro kɔtenaa kodoɔ no mu. Ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. Nanso, Yesu kaa sɛ, "Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ." Enti, ɔbarima no firi hɔ kɔɔ Dekapoli, "Nkuro Edu" no a, ɛwɔ saa ɔmantam no mu, kɔkaa anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no, wɔn ho dwirii wɔn.
7. Ressurreição da filha de Jairo
Referência: Marcos 5:21-43
Explicação: Jesus demonstra que a morte para Ele é como o sono. Ele restaura a vida de uma criança, trazendo esperança para uma família desesperada.
Yesu de kodoɔ no tware baa ɛpo no fa baabi no, nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. Asafopanin bi a na ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yairo no, buu Yesu nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne babaa yadeɛ mma no. Ɔfiri ahoyera mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Abɔfra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na ɔnnya nkwa." Yesu ne no kɔeɛ a nnipakuo no di wɔn akyi.
Na ɔbaa bi a watu mogya mfirinhyia dumienu ka nnipakuo no ho. Ɔde ne yadeɛ no akyin ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. Na wate anwanwadeɛ a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno enti ɔde ne ho fraa nnipakuo no, firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Ɔdwenee ho kaa sɛ, "Sɛ metumi nya ne ho ɛkwan, de me nsa sɔ nʼatadeɛ mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me." Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu pɛ, na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no!
Amonom hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afiri ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuo no bisaa sɛ, "Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ mu no?"
Nʼasuafoɔ no buaa sɛ, "Saa nnipakuo a obiara de ne ho twitwiri ne yɔnko yi na worebisa sɛ, ‘Hwan na ɔde ne nsa aka mʼatadeɛ?’ "
Nanso, ɔpɛɛ sɛ ɔhunu onipa ko a ɔsɔɔ nʼatadeɛ mu no. Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu asɛm a asie no, ɔde ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe kaa deɛ ɔyɛeɛ no kyerɛɛ no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae."
Yairo Babaa No Nyane
Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio.
Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, "Nsuro, gye di ara."
Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane. Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ. Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, "Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!" Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie hɔ no sɛ, wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da hɔ. Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa sɛ, "Talita, Kumm!" a aseɛ ne sɛ "Abaayewa, mese wo sɛ sɔre!" Amonom hɔ ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka asɛm a asie no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni.
8. Jesus anda sobre as águas
Referência: Mateus 14:22-33
Explicação: Ao caminhar sobre o Mar da Galileia, Jesus mostra que não está sujeito às leis da física. O episódio também serve para tratar a fé e a dúvida no coração de Pedro.
Yesu Nante Nsuo Ani
Nnipadɔm no didi wieeɛ pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan. Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara wɔ deɛ ɔwɔ hɔ. Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no.
Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn. Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam.
Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!"
Petro ka kyerɛɛ no sɛ, "Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn."
Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, "Bra!"
Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, "Awurade, gye me na meremem!"
Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, "Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?"
Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee bɔ. Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, "Onyankopɔn Ba ne wo ampa!"
9. Cura do paralítico
Referência: Marcos 2:1-12
Explicação: Jesus cura o corpo, mas primeiro perdoa os pecados. Este milagre estabelece que sua missão principal é a reconciliação espiritual do homem com Deus.
Yesu Sa Obubuafoɔ Bi Yadeɛ
Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ. Ankyɛre na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Mmarima baanan bi de obubuafoɔ bi a wɔso no baa hɔ. Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, "Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!"
Nanso Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ hɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim sɛ, "Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ."
Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo? Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? Sɛ obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo’, anaasɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’? Enti mɛkyerɛ mo sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ." Enti ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, "Mese wo sɛ, sɔre gyina hɔ. Fa wo kɛtɛ, na kɔ wo efie na wo ho atɔ wo." Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ, "Yɛnhunuu yei bi da!"
10. Ressurreição de Lázaro
Referência: João 11:1-44
Explicação: O milagre mais impactante antes da crucificação. Ao ressuscitar alguém morto há quatro dias, Jesus declara: "Eu sou a ressurreição e a vida".
Lasaro
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ. Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no. Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, "Awurade, wo dɔfoɔ no yare."
Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, "Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no." Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie. Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu. Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Momma yɛnsane nkɔ Yudea."
Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?"
Yesu kaa sɛ, "Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu. Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu."
Yesu sane kaa sɛ, "Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no."
Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no." Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada.
Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, "Lasaro awu; nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn."
Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, "Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu."
Lasaro Owuo Ne Ne Sie
Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan. Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu, na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho. Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie.
Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu! Menim mpo sɛ saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ."
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Wo nua no bɛsane anya nkwa bio."
Marta buaa no sɛ, "Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre."
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?"
Marta buaa sɛ, "Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no."
Yesu Su Lasaro
Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase." Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu. Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu.
Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, "Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu."
Yesu hunuu sɛ Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, "Ɛhe na mosiee no?"
Wɔbuaa no sɛ, "Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo."
Yesu suiɛ.
Yudafoɔ no hunuu sɛ ɔresu no, wɔkaa sɛ, "Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no."
Wɔn mu bi kaa sɛ, "Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?"
Yesu Nyane Lasaro Firi Awufoɔ Mu
Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so. Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, "Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no."
Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, "Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn."
Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, "Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?"
Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, "Agya, meda wo ase sɛ wotie me. Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me."
Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, "Lasaro, sɔre bra!" Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ."
Conclusão
Os milagres de Jesus revelam sua autoridade sobre a natureza, as enfermidades, o mundo espiritual e até a morte. Eles não são apenas demonstrações de poder, mas sinais que apontam para sua identidade e missão.
Ao estudar esses milagres, é possível compreender melhor o papel de Jesus e a mensagem central do Evangelho.
Se este conteúdo ajudou você a entender os milagres de Jesus na Bíblia, compartilhe este artigo para que mais pessoas também conheçam esses ensinamentos.