Pular para o conteúdo
Publicidade

Agradecimento a Deus

Por Bíblia Online

Agradecer a Deus é louvor, adoração e reconhecimento da sua soberania. Dai graças ao Senhor porque Ele é bom — a sua misericórdia dura para sempre!

Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,

na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so.

Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,

na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;

momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.

Monkamfo Awurade!

Monna Awurade ase na oye;

na nʼadɔe daa.

Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ;

wone me Nyankopɔn na mɛma wo so.

Monto aseda nnwom mma Awurade.

Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.

Mede dwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ

na mede aseda ahyɛ no anuonyam.

Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo

me koma ne mu ahotoso, na ɔboa me.

Me koma di ahurusi

na mede dwonto bɛda no ase.

Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase,

na yɛkamfo wo din kronkron no.

Mommma biribiara nhaw mo. Daa mo nkotosrɛ ne aseda mpaebɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn anim.

Paulo Mpaebɔ

Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.

Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.

Aseda

Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo yɛn mpaebɔ mu nso. Efisɛ yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo a ɛma mutumi de nsi adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim.

Aseda

Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.

Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!

Yɛda Onyankopɔn ase daa odi yɛn kan yɛn anigye ne nkonimdi santen Kristo mu ma ɔde yɛn trɛw ne ho nimdeɛ huamhuam no mu.

Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne brodo aduan di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wʼadɔe no nti, asow bebree. Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho.

Momfa nnwom, ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no koma mu, na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara biribiara ho yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.

Mumfi nidi a mowɔ ma Kristo mu no mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.

Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum;

Seja o primeiro