Amigo
O amigo verdadeiro é dádiva rara de Deus. Ele ama em todo tempo, fala a verdade em amor, aconselha com sabedoria e permanece fiel nas adversidades da vida.
Amizade verdadeira
Há amigo mais chegado que um irmão. Em todo tempo ama o amigo. O perfume e o incenso alegram o coração — assim o conselho doce do amigo.
Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase,
nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.
Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,
wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.
Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,
adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.
Dadeɛ se dadeɛ,
saa ara na onipa se ɔfoforɔ.
Animka a ɛda edwa
yɛ sene ɔdɔ a asuma.
Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ
sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,
nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,
na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa,
na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.
Mfa obi a ne bo ha no adamfo,
na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,
anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan
na woakɔtɔ afidie mu.
Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,
na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?
Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree;
nanso ohiani adamfo gya no hɔ.
Jesus, o amigo
Já não vos chamo servos, mas amigos. O maior amor é dar a vida pelo amigo. Jesus é o amigo que nunca falha.
Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom. Sɛ modi deɛ mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a, na moyɛ me nnamfonom. Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.
Mʼahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom.
Anuanom adɔfoɔ, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho. Obiara nhunuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. Sɛ obi yɛ ɔdefoɔ na ɔhunu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn wɔ nʼakoma mu? Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛeɛ so da ne ho adi.
Na Atwerɛsɛm no baa mu sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie no enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.
Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho. Monni afoforɔ ni nsen mo ho.
Companheiros de fé
Dois são melhores do que um. Os companheiros de fé se fortalecem mutuamente e caminham juntos com o Senhor.
Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ,
ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:
Sɛ ɔbaako hwe ase a
ne yɔnko bɛtumi aboa no.
Nanso onipa a ɔhwe ase a
ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.
Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ
sɛ anuanom bom tena faako!
Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,
na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu,
ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu,
ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so.
Ɛte sɛ Hermon bosuo a
ɛtɔ gu Bepɔ Sion so.
Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,
nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.
Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,
wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa.
Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo.
"Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa."