Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Samuel 18

Saulo Twe Dawid Ho Ninkunu

1 Ɛberɛ a Dawid ne Saulo kasa wieeɛ no, ɔhyiaa ɔhene babarima Yonatan. Wɔn baanu no dodɔɔ wɔn ho prɛko na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara. 2 Ɛfiri saa ɛda no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfie a wampɛ ɔbɛsane akɔ ne fie. 3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam , wɔbɛyɛ nnamfo. 4 Na Yonatan de ne batakari, nhyɛaseɛ, akofena, agyan ne abɔwomu maa Dawid de sɔɔ apam no ano.

5 Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti, Saulo yɛɛ no nʼasraafoɔ so ɔsahene, maa nʼakofoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa de anigyeɛ penee so.

6 Nanso, ɛberɛ a Israelfoɔ nkonimdifoɔ rekɔ fie, na Dawid akum Goliat no, asɛm bi siiɛ. Mmaa fifiri nkuro a ɛbemmɛn ɛkwan no ho no bɛtwee mmomone maa ɔhene Saulo. Wɔtoo nnwom, saa ano, bɔɔ akasaeɛ ne kyankyan. 7 Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie:

Saulo akum ne mpempem,

na Dawid deɛ, ɔpedupedu!

8 Yei maa Saulo bo fuu yie. Ɔkaa , "Yei ase ne sɛn? Wɔde ɔpedu ɔpedu abata Dawid din ho, na me deɛ, wɔde mpempem. Deɛ ɛdi ne , wɔbɛsi no ɔhene." 9 Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.

10 Adeɛ kyeeɛ no, nokorɛm, Onyankopɔn honhommɔne sii Saulo so ma ɔhyɛɛ aseɛ kasakasaa ɔhyew so ɔbɔdamfoɔ. Dawid hyɛɛ aseɛ bɔɔ ne sankuo sɛdeɛ saa asɛm yi si a, ɔyɛ no. Nanso, Saulo a na ɔkura pea no, 11 too pea no prɛko kyerɛɛ Dawid so anka ɔde rewɔ no aka no atare fasuo. Nanso, Dawid huri sii nkyɛn na ɔdwaneeɛ. Saa asɛm korɔ yi ara sii bio, 12 ɛfiri na Saulo suro Dawid, na nʼani bere no nso , Awurade agya no akɔ Dawid afa. 13 Ne korakora ne , Saulo pamoo no firi nʼanim na ɔma ɔyɛɛ ɔsafohene asraafoɔ apem so. Nanso, Dawid de adwenemuteɛ dii saa akodɔm no anim de wɔn kɔɔ sa. 14 Biribiara a Dawid yɛeɛ no, ɔdii nkonim mu, ɛfiri , na Awurade ka ne ho. 15 Ɛberɛ a Saulo hunuu yei no, ɛmaa ɔsuroo no mmorosoɔ. 16 Nanso, Israel nyinaa ne Yuda dɔɔ Dawid, ɛfiri , na ɔdi nʼakodɔm anim sa a, ɔdi nkonim.

Dawid Ware Saulo Babaa

17 Ɛda bi Saulo ka kyerɛɛ Dawid , "Mepɛ mede me babaa panin Merab ma wo awadeɛ. Deɛ ɛdi ɛkan ne wobɛkyerɛ woyɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wobɛko Awurade ko no." Na Saulo kaa ne tirim , "Merentene me nsa ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifoɔ no na wɔakum no."

18 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo , "Me sɛɛ ne hwan a mɛyɛ ɔhene ase? Me fie, me mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?" 19 Enti, berɛ no duruu wɔde Saulo babaa Merab ma Dawid awadeɛ no, wɔde no maa Adriel a ɔfiri Meholat awadeɛ.

20 Na Saulo babaa Mikal Dawid, enti ɛberɛ a Saulo teeɛ no, ɛyɛɛ no anigye. 21 Saulo kaa ne tirim , "Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie." Na ɔka kyerɛɛ Dawid , "Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase."

22 Na Saulo hyɛɛ ne nkoa , "Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid , Hwɛ, ɔhene ani wo, na yɛn nyinaa wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ "

23 Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa , "Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?"

24 Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no, 25 Saulo kaa , "Monkɔka nkyerɛ Dawid , Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’ " Na Saulo adwene ara ne wɔbɛkum Dawid akono.

26 Dawid de anigyeɛ penee adebisa no so. Enti ansa na berɛ no bɛduru no, 27 Dawid ne ne mmarima kɔeɛ kɔkumm Filistifoɔ no ahanu. Ɔde wɔn mmarima ano wedeɛ brɛɛ ɔhene. Enti, Saulo de ne babaa Mikal maa Dawid awadeɛ.

28 Saulo hunuu Awurade ka Dawid ho, na ne babaa Mikal nso Dawid no, 29 Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo ɔtamfoɔ.

30 Ɛberɛ biara a Filistifoɔ akodɔm to hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sene Saulo asahene a wɔaka no. Yei maa Dawid gyee edin asase no so nyinaa.

Veja também