Pular para o conteúdo
Publicidade

Amor incondicional

Por Bíblia Online

O amor incondicional de Deus não depende de mérito humano. Ele nos amou quando ainda éramos pecadores. Esse amor não tem limites, não cobra preço e não pode ser perdido.

Amor sem condições

Deus prova o seu amor em que Cristo morreu por nós sendo nós ainda pecadores. O amor de Deus é gratuito e irrevogável.

Nanso, Onyankopɔn da ne adi yei mu ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.

Na ɛbɛyɛ den obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no. Nanso, Onyankopɔn da ne adi yei mu ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.

Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa.

Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa?

"Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Ɛberɛ bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii honam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛdeɛ ne ne nsusuiɛ. Yɛn nso na ɛsɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so. Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa Kristo mu, ɛberɛ a anka yɛawuwu amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa.

Nanso, ɛberɛ a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamyɛ ne ne daa adi no, ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ. Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so

Amor eterno

Com amor eterno te amei. O amor de Deus é mais largo, mais alto e mais profundo do que podemos compreender.

Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa ,

"Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo

mede adɔeɛ atwe mo.

Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase.

Nʼadɔeɛ daa.

Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosoro

wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn.

Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,

wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.

Ɛkwan a Onyankopɔn nam so da ne adi kyerɛ yɛn ne , ɔsomaa ne Ba korɔ no baa ewiase sɛdeɛ yɛbɛfa ne so anya nkwa.

Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata.

Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri , Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane.

Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.

Amar como Deus ama

O amor é paciente e bondoso. Amai os vossos inimigos. O amor incondicional se expressa no perdão e na compaixão.

Ɔdɔ boasetɔ na ne tirim mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu;

ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ. Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.

Wʼatamfoɔ

"Moate wɔaka , wo yɔnko, na tane wʼatamfoɔ. Na me deɛ, deɛ mereka ne : monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo. Yei bɛma mo ayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, ɛfiri , ɔma nʼawia pue, ma ne nsuo ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa . modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mobɛnya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso ? mokyea wɔn a monim wɔn nko ara a, nsonsonoeɛ bɛn na ɛda mo ne afoforɔ ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso ? Enti monyɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no no.

Monnɔ Mo Atamfoɔ

"Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa , monnɔ mo atamfoɔ; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. Monhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo.

Yei akyi no, monnodɔ mo ho yie ɛfiri , ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so.

Seja o primeiro